Adiyisɛm 8 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nsɔano a ɛtɔ so nson

1 Sak 2.13; Hab 2.20 Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nson no ano no, ɔsoro yɛɛ dinn bɛyɛ sɛ dɔnhwereɛ fa.

2 Mat 24.31 Na mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Nyankopɔn anim no, na wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson.

3Adi 5.8 Na ɔbɔfoɔ foforɔ ba bɛgyinaa afɔrebukyia no ho, ɔkura sika hwam kuruwa, na wɔmaa no nnuhwam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefoɔ nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔrebukyia a ɛsi ahennwa no anim no so.

4Dwom 141.2 Na nnuhwam no wisie kaa ahotefoɔ mpaebɔ ho firi ɔbɔfoɔ no nsam foro kɔɔ Nyankopɔn anim.

5Hes 10.2 Na ɔbɔfoɔ no faa ohwam kuruwa no de afɔrebukyia no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔto guu asase so. Na aprannaa, ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ bae.

Totorobɛnto nson no

6Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ntotorobɛnto nson no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛne.

7 Eks 9.23-26 Na deɛ ɔdi kan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔto guu asase so. Na asase nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako hyee, na nnua nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso hyee, na nwira mono nyinaa nso hyee.

8 Yer 51.25; Eks 7.20-21 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔtoo adeɛ bi a ɛte sɛ bepɔ kɛseɛ a ogya rehyeɛ no twenee po mu, na ɛpo nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya,

9na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwui, na ahyɛn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso sɛee.

10 Yes 14.12; Dan 8.10 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hyɛnee ne totorobɛnto. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre sɛ ogyatɛnee firi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔntene nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsuo aniwa so.

11Na nsoromma no din de Ɔnwono, na nsuo no nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa pii wuwui, nsuo no nwono a ayɛ no nti.

12 Adi 6.12; Eks 10.21 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum, na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.

13 Adi 14.6; 9.12; 11.14; 12.12 Na mehunui, na metee sɛ ɔkɔdeɛ baako a ɔtu faa soro mfimfini no de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔn a wɔte asase soɔ no nnue, wɔnnue, wɔnnue, totorobɛnto a aka a abɔfoɔ baasa no rebɛhyɛne no nne no nti!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help