1 Korintofoɔ 13 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔdɔ ho asɛm

1Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkyerɛma mekasa, na menni dɔ a, na mete sɛ yaawa a ɛregyegyeɛ anaa akasaa a ɛrewosoɔ.

2 na menni dɔ a, merennya ho mfasoɔ biara.

4Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam yɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea; ɔdɔ nyɛ ahokyerɛ, ɛmmema ne ho so,

5Flp 2.4; 2.21 ɛnyɛ ne ho deɛ ɛmfata, ɛnhwehwɛ deɛ ɛyɛ ɔno nko ara ne deɛ, ne bo nha no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam,

6Rom 12.9 n’ani nnye deɛ ɛntene ho, na mmom ɛdi ahurisie wɔ nokorɛ mu.

7Mmb 10.12; Rom 15.1 Ɛtie ade nyinaa, ɛgye ade nyinaa di, ɛnya ade nyinaa mu anidasoɔ, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.

8Ɔdɔ to ntwa da. Nkɔmhyɛ deɛ, wɔbɛgu; kasa ahodoɔ deɛ, ɛbɛgyae; nimdeɛ deɛ, ɛbɛsa.

9Na yɛhunu adeɛ fa-ne-fa, na yɛhyɛ nkɔm fanefa.

10Na sɛ deɛ ɛwie pɛyɛ no nya ba a, ɛno na wɔbɛgu deɛ ɛyɛ fa-ne-fa no.

11Meyɛ abɔfra no, mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, metee asɛm ase sɛ abɔfra; na mebɛyɛɛ panin yi, magyae mmɔfraasɛm no.

122 Ko 5.7 Na seesei deɛ, yɛnam ahwehwɛ mu hunu adeɛ wɔ bɛ mu, na daakye deɛ, anim ne anim; seesei deɛ, mehunu adeɛ fa-ne-fa, na daakye deɛ, mɛhunu adeɛ mua sɛdeɛ wɔahunu me nso yi.

131 Te 1.3; 1 Yoh 4.16 Na afei gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ, adeɛ mmiɛnsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛseɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help