1Na Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu, bosome Nisan mu no, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so de maa ɔhene no. Nso na menyɛɛ m’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.
2Na ɔhene bisaa me sɛ: Ɛfiri deɛn so na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛɛ, na wonyare nso? Yei nyɛ hwee sɛ akoma mu awerɛhoɔ. Na mesuroo pii pa ara,
3na mesee ɔhene no sɛ: Ɔhene nkwa so kɔsi daa. Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kuro a m’agyanom adamena wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahye n’apono no.
4Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ,
5na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛyɛ ɔhene anisɔ, na sɛ w’akoa anya w’anim adom a, anka woasoma me Yuda, ama makɔ m’agyanom adamena kuro no mu makɔkyekyere bio.
6Na ɔhene ne (ɔhemmaa a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ): Wo korɔ no bɛkyɛre akɔsi da bɛn, na da bɛn na wobɛsane aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ ɔbɛgya me kwan; na mehyɛɛ no da.
7Na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛsɔ ɔhene ani a, ma wɔmma me nwoma, na memfa menkɔma asuogya amradofoɔ no, sɛ wɔnnya me kwan nkɔsi sɛ mɛduru Yuda,
8Esra 7.6 ne nwoma nso a mede bɛkɔ akɔma ɔhene kwaeɛhwɛfoɔ Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ efie no ho apono no mpuna, ne kuro no fasuo no deɛ, ne efie a merekɔ mu no deɛ no. Na me Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ me soɔ no nti, ɔhene no maa me.
9Na meduruu asuogya amradofoɔ no nkyɛn, na mede ɔhene nwoma no memaa wɔn. Nso na ɔhene asoma dɔm asafohene bi ne apɔnkɔsotefoɔ aka me ho.
10Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiedie ama Israelfoɔ.
Ɔkɔhwɛ Yerusalem afasuo no11Na mebaa Yerusalem, na medii hɔ nnansa.
12Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso na menkaa deɛ Onyankopɔn de ahyɛ m’akoma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa biara, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete ne soɔ no.
13Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no.
14Neh 3.15 Na mesene mekɔɔ Nsuo aniwa Pono no ano ne Ɔhene Tadeɛ ho, nanso na m’aboa a mete no soɔ no nnya baabiara mfa.
15Ɛnna anadwo no meforoo subonhwa no mekɔhwɛɛ ɔfasuo no, na mesane mefaa Bonhwa Pono no mu mebaa bio.
16Na mmapɔmma no nnim deɛ mekɔeɛ ne deɛ meyɛeɛ. Na Yudafoɔ, asɔfoɔ, mmakoma, mmapɔmma ne nkaeɛ a wɔbɛyɛ adwuma no, na mennya menka menkyerɛɛ wɔn.
Wɔsi agyinaeɛ wɔ fasuo no toɔ ho17Ɛnna mesee wɔn sɛ: Mo ara mohunu amaneɛ a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apono nso, wɔde ogya ahyeɛ. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no, na yɛanyɛ ahohora bio.
18Na meka kyerɛɛ wɔn me Nyankopɔn nsa a ɛyɛ wɔ me soɔ, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: Momma yɛnsɔre na yɛnsi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.
19Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?
20Efe 2.12 Na meyii wɔn ano sɛ: Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma no asi yɛn yie, na yɛn ne nkoa bɛsɔre asi, na mo deɛ, monni kyɛfa ne tumi ne nkaeɛ biara wɔ Yerusalem.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.