Nnwom 65 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Onyankopɔn nhyira ho aseda dwomWɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1Onyankopɔn, wɔde abodwoɔ yi wo ayɛ wɔ Sion,

na wo na wɔde aboadeɛ ma woɔ.

2O mpaebɔ tiefoɔ,

wo nkyɛn na nnipa nyinaa ba.

3Amumuyɛdeɛ boroo me so,

wo na woakata yɛn mmarato soɔ.

4 Dwom 84 Nhyira ne deɛ woyi no

na woma no bɛn wo sɛ ɔntena w’abannwa soɔ.

Wo fie nnepa bɛmee yɛn,

w’asɔrefie kronkron nnepa no.

5Wode asɛntenenee a ɛyi hu bua yɛn,

yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,

wo na asase ano nyinaa ani da wo soɔ,

ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri po so.

6Wode w’ahoɔden de mmepɔ tintim hɔ,

wode tumi amia.

7 Dwom 89.9 Woma ɛpo huuyɛ,

emu asorɔkyeɛ huuyɛ gyae,

na woma aman kitikitiyɛ ano dwo.

8Na wo nsɛnkyerɛnneɛ nti

wɔn a wɔte ahafi nohoa suro,

woma wɔn a wɔte apueeɛ ne atɔeɛ nohoa tɔnn

to ahosan dwom.

9 Dwom 46.4 Woabɛhwɛ asase agugu so nsuo,

woama ɛso aduane abu so bebree.

Nyankopɔn asubɔnten no, nsuo ayɛ mu ma,

womaa wɔn aburoo gyinae,

womaa no sii so sɛdeɛ ɛsɛ.

10 Dwom 104.13-16 Woguguu n’akofie so nsuo

de honoo emu apɔapɔ,

wode osuo yɛɛ no bɛtɛɛ,

wohyiraa ne fire so.

11Woabɔ w’ayamyɛ afirinhyia abotire,

na sradeɛ sosɔ w’akwan so.

12Ɛsosɔ serɛ so adidibea so,

na mpampa de abotɔyam hyehyɛ wɔn ho.

13Nnwankuo ahyɛ adidibea no ma,

aburoo nso akata abɔn no mu,

wɔdi ahurisie bɔ ose,

anigyeɛ dwom nko ara na wɔtoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help