Nnwom mu dwom 5 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ayeforɔ no mpa

1 Nmd 6.2 Maba me turo mu, me nua, m’ayeforɔ,

meretete me kurobo ne m’aduhwam,

meredi me woɔkyɛm ne me woɔ,

merenom me nsa ne me nufosuo.

Nnamfonom, monnidi,

adɔfonom, monnom na mommee.

2 Nmd 6.9 Me deɛ, medae, nanso na m’akoma anyane.

Tie! me dɔfoɔ na ɔrebom sɛ:

Hini me, me nuabaa, me dɔfoɔ,

m’aburuburo a wodi mu;

na obosuo ayɛ m’atifi ma,

anadwo nsosɔeɛ ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma.

3Mayi m’atadeɛ,

mɛyɛ dɛn mahyɛ?

Mahohoro me nan ho,

mɛyɛ dɛn mayɛ no fi?

4Me dɔfoɔ de ne nsa kaa pono no,

na m’akoma dii ahurisie wɔ me mu.

5Ɛnna mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ no,

kurobo sosɔɔ me nsa ho,

na kurobo a ɛnene sosɔɔ me nsateaa so,

apratwom nsɔmu so.

6 Nmd 3.1 Mehinii me dɔfoɔ,

nanso na me dɔfoɔ adane ne ho asane kɔ.

Ɔrekasa no, m’akoma tui.

Mehwehwɛɛ no, na manhu no,

mefrɛɛ no, na wannye me so.

7Awɛmfoɔ a wɔkyini kuro mu no

bɛtoo me,

wɔbobɔɔ me, wɔpiraa me,

afasuo so awɛmfoɔ gyee me nkatanimu.

Ayeforɔkunu no ahoɔfɛ

8 Nmd 2.5 Meka mo ntam, Yerusalem mmammaa,

sɛ mohunu me dɔfoɔ a,

monka nkyerɛ no

sɛ ɔdɔ ayare me.

9Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfoɔ bie,

O mmaa mu ɔhoɔfɛni?

Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfo bie,

sɛ woka ntam gu yɛn so seyie?

10Me dɔfoɔ hoa na ɔbere,

ɔda nso nnipa mpemdu mu.

11Ne tiri yɛ sika amapa pa,

ne mpɛsɛmpɛsɛ yɛ kuhaa,

ɛbiri sɛ anene.

12 Nmd 4.1 N’aniwa te sɛ

asutene ho mmuruburo

a wɔdware nufosuo,

sisi ne mayɛ soɔ.

13 Dwom 45.2 N’afono te sɛ aduhwam akofie

a nnuhwam yɛ so yie;

n’anofafa te sɛ sukooko fɛfɛ

a ɛsosɔ kurobo a ɛnene.

14Ne nsa yɛ sika nnwinneɛ

a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu,

ne nipadua yɛ asonse adwinneɛ

a wɔde hoaboɔ adura soɔ.

15Ne nan yɛ abofufuo adum

a ɛsisi amapa nnyinasoɔ soɔ,

ne suban te sɛ Lebanon,

wɔayi no sɛ tweneduro nnua.

16N’anomu wɔ adɔkɔdɔkɔwadeɛ,

na ne ho nyinaa yɛ akɔnɔdeɛ ara nko.

Me dɔfoɔ nie, na m’adamfo nie,

O Yerusalem mmammaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help