1Na AWURADE akoa Mose wuo akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfoɔ no sɛ:
2Deut 34.5 M’akoa Mose awu; afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mu yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfoɔ, no so.
3 Deut 11.24 Baabiara a mo nan bɛtia no, mo na mede mama mo, sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Mose no,
4ɛfiri serɛ no so ne Lebanon yi ho de kɔsi asu kɛseɛ no, Asubɔntene Eufrate ano, Hetifoɔ asase nyinaa de kɔsi ɛpo kɛseɛ no ano wɔ deɛ owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hyeɛ.
5 Deut 31.8; Heb 13.5 Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.
6Deut 3.28; 31.7, 23 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no mu ama ɔman yi.
7Deut 5.32; 1 Ah 2.3 Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie.
8Dwom 1.2-3 Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anomu, na dwene ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ no wɔ mu nyinaa teɛ no: Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ɛbɛsi wo yie.
9Menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma w’akoma nntu anaa? Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi deɛ wokorɔ nyinaa.
10Ɛnna Yosua hyɛɛ ɔman no ahwɛfoɔ no sɛ:
11Momfa nsraban no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Monsiesie akwansoduane nsie, na ɛha yi nnansa morebɛtwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no.
12Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no deɛ, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ:
13Num 32.20 Monkae asɛm a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de mo atena ase, na ɔde asase yi ama mo;
14mo yerenom, mo mma ne mo mmoakuo ntena asase a Mose de maa mo Yordan agya yi so, na mo deɛ, monni mo nuanom anim amia mu, akofoɔ nyinaa, na monni mmoa wɔn,
15nkɔsi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wɔbɛdi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasane aba mo sodie asase no so abɛdi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapueeɛ hɔ no.
16Na wɔbuaa Yosua sɛ: Deɛ woahyɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ, na baabiara a wosoma yɛn no, yɛbɛkɔ.
17Sɛdeɛ yɛtiee Mose, ade nyinaa mu no, saa ara na yɛbɛtie woɔ; die na AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyire, sɛdeɛ ɔdii Mose akyire no.
18Yos 1.6 Obiara a ɔbɛte w’anomu asɛm ho atua na ɔrentie wo nsɛm, deɛ wobɛhyɛ yɛn nyinaa mu no, wɔnku no. Den ara nko na wo ho nyɛ, na yɛ nnam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.