Hosea NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUOdiyifoɔ Amos nkyerɛkyerɛ akyi no, Odiyifoɔ Hosea bɛkaa asɛm wɔ Israel mantifi ahemman no mu. Saa berɛ no yɛ ɔhaw berɛ ansa na Samaria sɛeɛ wɔ afe ahanson ne aduonu baako mu ansa na wɔrewo Kristo (721 B.C.). Deɛ na ɛha Odiyifoɔ Hosea titire yɛ abosonsom ne anisoɔ anisoɔ so a na ne nkurɔfoɔ nam som Nyankopɔn no. Hosea de akokoɔduro yii anisoanisoɔ som yi mfonini de faa n’ankasa n’awareɛ bɔne a ne yere torofoɔ bi de waree no so.Sɛdeɛ ne yere Gomer bɛyɛɛ ɔbaa bɔne maa no no, saa ara na Onyankopɔn nkurɔfoɔ nso agya no. Yei nti atemmuo bɛba Israelfoɔ so. Awieeɛ no, Onyankopɔn dɔ a ɛnsakyera da no bɛyi ne ho adi na abɛgye ne nkurɔfoɔ aba ne nkyɛn na wasiesie wɔn ayɔnkofa no. Saa dɔ yi da ne ho adi wɔ ahodwire nsɛm yi mu sɛ: Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa (11.8).EMU NSƐMHosea awareɛ ne n’abusuafoɔ 1.1—3.5Kasa a ɛtia Israel 4.1—13.16Ahonu nsɛm ne bɔhyɛ 14.1-9
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help