Numeri 33 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Israelfoɔ akwantuo

1Yeinom ne akwan a Israelfoɔ twaeɛ berɛ a Mose ne Aaron dii wɔn anim de wɔn firi Misraim asase soɔ no, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ.

2Mose twerɛɛ faako a wɔtu firiiɛ ne akwan a wɔtwaeɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na yeinom ne wɔn akwantuo mu asoɛeɛ firi faako a wɔtutu firiiɛ no:

3Eks 1.11; 14.8 Bosome a ɛdi kan no mu wɔtu firii Rameses; bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunum, Twam no akyi, adeɛ kyeeɛ, na Israelfoɔ de ahosɛpɛ kɛseɛ firi kɔeɛ wɔ Misraimfoɔ nyinaa anim;

4Eks 12.12 na Misraimfoɔ resie wɔn mmakan a AWURADE kunkumm wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn.

5 Eks 12.37 Na Israelfoɔ no tu firii Rameses kɔkyeree nsraban Sukot.

6Eks 13.20 Na wɔtu firii Sukot kɔkyeree nsraban Etam a ɛwɔ nsɛnoa.

7Eks 14.2 Na wɔtu firii Etam dane baa Pi-hahirot a ɛwɔ Baal-sefon anim, na wɔkyeree nsraban Migdol anim.

8Eks 14.22; 15.23 Na wɔtu firii Hahirot anim kɔtwaa ɛpo no kɔɔ ɛserɛ so, na wɔnantee Etam serɛ so nnansa kwan kɔkyeree nsraban Mara.

9Eks 15.27 Na wɔtu firii Mara baa Elim; na Elim na na nsuo aniwa dummienu ne nkyiresua aduɔson wɔ, na wɔkyeree hɔ nsraban.

10Na wɔtu firii Elim kɔkyeree nsraban Mmɛwa Po ano.

11Eks 16.1 Na wɔtu firii Mmɛwa Po ano kɔkyeree nsraban Sin serɛ so.

12Na wɔtu firi Sin serɛ so kɔkyeree nsraban Dofka.

13Na wɔtu firii Dofka kɔkyeree nsraban Alus.

14Eks 17.1 Na wɔtu firii Alus kɔkyeree nsraban Refidim; na ɛhɔ na ɔman no annya nsuo annom.

15Eks 19.1 Na wɔtu firii Refidim kɔkyeree nsraban Sinai serɛ so.

16Num 11.34 Na wɔtu firii Sinai serɛ so kɔkyeree nsraban Kibrot-hataawa.

17Num 11.35 Na wɔtu firii Kibrot-hataawa kɔkyeree nsraban Haserot.

18Num 12.16 Na wɔtu firii Haserot kɔkyeree nsraban Ritma.

19Na wɔtu firii Ritma kɔkyeree nsraban Rimon-peres.

20Na wɔtu firii Rimon-peres kɔkyeree nsraban Libna.

21Na wɔtu firii Libna kɔkyeree nsraban Risa.

22Na wɔtu firii Risa kɔkyeree nsraban Kehelata.

23Na wɔtu firii Kehelata kɔkyeree nsraban Sefer bepɔ so.

24Na wɔtu firii Sefer bepɔ so kɔkyeree nsraban Harada.

25Na wɔtu firii Harada kɔkyeree nsraban Makhelot.

26Na wɔtu firii Makhelot kɔkyeree nsraban Tahat.

27Na wɔtu firii Tahat kɔkyeree nsraban Tara.

28Na wɔtu firii Tara kɔkyeree nsraban Mitka.

29Na wɔtu firii Mitka kɔkyeree nsraban Hasmona.

30Na wɔtu firii Hasmona kɔkyeree nsraban Moserot.

31Deut 10.6 Na wɔtu firii Moserot kɔkyeree nsraban Bene-yaakan.

32Na wɔtu firii Bene-yaakan kɔkyeree nsraban Hor-hagidgad.

33Deut 10.7 Na wɔtu firii Hor-hagidgad kɔkyeree nsraban Yotbata.

34Na wɔtu firii Yotbata kɔkyeree nsraban Abrona.

35Na wɔtu firii Abrona kɔkyeree nsraban Esion-geber.

36Num 20.1 Na wɔtu firii Esion-geber kɔkyeree nsraban Sin serɛ so, (ɛne Kades).

37Num 20.22-29 Na wɔtu firii Kades kɔkyeree nsraban Hor bepɔ ho, Edom asase ano.

38Na Ɔsɔfoɔ Aaron foro kɔɔ Hor bepɔ so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, kɔwuu wɔ hɔ, Israelfoɔ Misraim asase so fire afe a ɛtɔ so aduanan soɔ, bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛdi kan.

39Na Aaron wuu Hor bepɔ soɔ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduonu mmiɛnsa.

40 Num 21.1 Na Kanaanni, Arad hene a ɔte Negeb no tee sɛ Israelfoɔ no reba.

41Na wɔtu firii Hor bepɔ ho kɔkyeree nsraban Salmona.

42Na wɔtu firii Salmona kɔkyeree nsraban Punon.

43Num 21.10 Na wɔtu firii Punon kɔkyeree nsraban Obot.

44Num 21.11 Na wɔtu firii Obot kɔkyeree nsraban Iye-abarim, Moab hyeɛ so.

45Na wɔtu firii Iyim kɔkyeree nsraban Dibon-gad.

46Na wɔtu firii Dibon-gad kɔkyeree nsraban Almon-diblataim.

47Num 21.20 Na wɔtu firii Almon-diblataim kɔkyeree nsraban Abarim mmepɔ so, Nebo ntentensoɔ.

48Num 22.1; Deut 32.49 Na wɔtu firii Abarim mmepɔ so kɔkyeree nsraban Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.

49Num 25.1 Na wɔkyeree Yordan ho nsraban firi Bet-yesimot kɔsii Abel-sitim, Moab mpaperɛ so.

Wɔnsɛe Kanaanfoɔ

50Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ:

51Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ motwa Yordan kɔ Kanaan asase so a,

52ɛnneɛ mompamo asase no sotefoɔ nyinaa mfiri mo anim, na monsɛe wɔn aboɔ ahoni nyinaa, na wɔn ahoni a wɔaguo no, monsɛe ne nyinaa, na monsɛe wɔn nsorɔnsorɔmmea nyinaa.

53Na momfa asase no ntena so, na mo na mede asase no mama mo sɛ monni soɔ.

54Num 26.55 Na momfa tontobɔ so nkyɛ asase no mu mma mo mmusuakuo no: Abusuakuo a ɛso no, momma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, momma ne kyɛfa nsua; deɛ obiara tonto bɛbɔ no, ɛhɔ na ɛnyɛ ne deɛ; monnyegye mo kyɛfa sɛdeɛ mo nananom mmusuakuo teɛ.

55Yos 23.13 Na sɛ moampamo asase no sotefoɔ amfiri mo anim a, ɛnneɛ wɔn mu wɔn a mobɛgya wɔn no bɛdane mo aniwa mu nkasɛɛ ne mo mfe mu nnunsini, na wɔateetee mo, asase a mote soɔ no so.

56Na sɛdeɛ mesusuu sɛ mɛyɛ wɔn no, saa ara na mɛyɛ mo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help