1Yeinom ne nsɛm a AWURADE yi kyerɛɛ Odiyifoɔ Habakuk:
2O AWURADE, menteam nkɔsi da bɛn ara
na wobɛtie me?
Nhyɛsoɔ nti mesu mefrɛ wo,
nanso wonnye me.
3Adɛn nti na woma mehunu abusudeɛ
ne ɔhaw sɛɛ, na wonyɛ ho hwee yi?
Ɔsɛeɛ ne nhyɛsoɔ da m’anim,
na ɔhaw ba, na akasaakasa asɔre.
4Enti mmara mu ago,
na atɛntenenee mfiri ara da,
ɛfiri sɛ abɔnefoɔ twa ɔteneneeni ho hyia,
enti atemmuo firi a, na akyea.
AWURADE maa Habakuk mmuaeɛ5 Aso 13.41 Monhwɛ amanaman mu na monhunu
na mo ho nnwiri mo dwiri pa ara,
na mereyɛ adwuma bi, mo nna mu,
wɔka kyerɛ mo a, morennye nni.
6Na hwɛ, merehwanyan Kaldeafoɔ,
ɔman a wɔn tirim yɛ den na wɔn ho yɛ hare
a wɔnante fa asase so nyinaa
fa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea di soɔ.
7Wɔn ho yɛ ahomete ne hu,
wɔyɛ ahantanfoɔ a wɔyɛ deɛ wɔn ara wɔpɛ.
8 Sef 3.3; Mat 24.28 Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sene asebɔ,
na wɔyɛ aniɛden sene anwummerɛ mpataku,
na wɔn apɔnkɔsotefoɔ twetwe wɔn mu kɔ kan,
na wɔn apɔnkɔsotefoɔ firi akyirikyiri reba,
wɔtu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔrepɛ adidie ho ntɛm.
9Wɔn nyinaa reba aturuturasɛmdie,
na wɔde wɔn ani kyerɛ apueeɛ fam anibereɛ so,
na wɔtase nnommum sɛ anwea.
10Wɔn deɛ, wɔsi ahemfo atwetweɛ
na aberempɔn ho yɛ wɔn sere,
wɔsere aban a ɛyɛ den nyinaa,
na wɔboa dɔteɛ ano gu hɔ na wɔafa.
11Ɛno na wɔtwam sɛ mframa, na wɔsene korɔ,
na wɔkɔdi so;
wɔn ahoɔden yi ara ne wɔn nyame.
Habakuk asɛmmisa a ɛtɔ so mmienu12 Yer 10.24 AWURADE, me Nyankopɔn ne me Kronkronni,
ɛnyɛ wo na wofiri tete nteredee?
AWURADE, wo ne ɔbotantim;
yɛrenwu na mmom wo ara na woahyɛ Kaldeafoɔ sɛ
wɔmmu yɛn atɛn na yɛn asotwe nti na wode wɔn asi hɔ.
13Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wontumi nhwɛ bɔne
na wontumi nhwɛ ɔhaw,
adɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafoɔ,
na ɔbɔnefoɔ mene ɔteneneeni a ɔtene sene no a,
woyɛ komm?
14Afei nso, woayɛ nnipa sɛ ɛpo mu mpataa,
te sɛ mmoa a wɔwea a obi nni wɔn soɔ.
15Saa nti wɔde darewa atwe wɔn nyinaa,
wɔde asau twe wɔn,
na wɔboa wɔn ano, ne twiɛ mu;
yei nti wɔn ani gye na wɔn ho sɛpɛ wɔn.
16Ne saa nti, abɔnefoɔ bɔ n’asau no afɔdeɛ
na ɔhye aduhwam ma wɔn twiɛ no,
ɛfiri sɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔre sradeɛ,
na n’aduane yɛ sɔɔsɔɔ.
17Ɛno nti ɔnkɔ so ara mpore n’asau mu,
na ɔnkunkum amanaman daa nyinaa atirimuɔden so?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.