Nnwom 9 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyankopɔn atemmuo ho aseda dwomWɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mut labben! sankuo nne so”. Dawid dwom.

1Mede m’akoma nyinaa mɛda AWURADE ase;

AWURADE, mɛka w’anwanwadeɛ nyinaa akyerɛ.

2Mɛgye m’ani na madi ahurisie wɔ wo mu,

mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ayeyie dwom.

3Ɛfiri sɛ m’atamfoɔ asane wɔn akyi,

wɔatotɔ, na wɔayera w’anim.

4 Dwom 7.11 Woatena atemmuo adwa so abu atɛn tenenee,

Woadi m’asɛm abu me bem.

5Woateatea amanaman, woasɛe abɔnefoɔ,

woapepa wɔn din korakorakora.

6 Dwom 34.16 Atamfoɔ awie sa adane daa amamfo,

na woama nkuro ase ahye,

na wɔn ho nkaeɛ ayera.

7 Dwom 103.19 Na AWURADE deɛ, ɔte n’ahennwa so daa,

ɔde n’adwa asi hɔ rebu atɛn.

8 Dwom 96.13 Ɔno na ɔbɛbu wiase atɛn tenenee mu,

na wadi aman asɛm tenenee mu.

9AWURADE bɛyɛ dwanekɔbea ama deɛ wɔrepɛkyɛ no,

ahokyere berɛ mu dwanekɔbea.

10Na wɔn a wɔnim wo din de wɔn ho bɛto wo so,

ɛfiri sɛ woannya wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.

11 Dwom 132.13 Monto ayeyie dwom mma AWURADE a ɔte Sion,

monka ne nneyɛɛ nkyerɛ aman mu,

12 Gye 4.10 sɛ, deɛ ɔtɔ mogya so were no akae wɔn,

na ne werɛ amfiri abrɛfoɔ nteamu.

13AWURADE, hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amaneɛ a ɛfiri m’atamfoɔ,

wo a woma me so firi owuo aboboano,

14 Dwom 22.22; 40.9-10; 13.5 na menka w’ayeyie nyinaa menkyerɛ,

Sion babaa aponkɛseɛ mu,

na menni ahurisie wo nkwagyeɛ mu.

15 Dwom 7.15 Amanaman amemmem amena a wɔtuiɛ no mu,

afidie a wɔsum huntaeɛ no ayi wɔn nan.

16 Dwom 7.16 AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn,

ɔde ɔbɔnefoɔ nsam nneyɛɛ atoatoa no.

17Abɔnefoɔ bɛsane akɔ Asamando,

amanaman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn nyinaa.

18 Dwom 22.24; 10.17-18 Na ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani,

na ɛnyɛ daa na mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera.

19AWURADE, sɔre, mma ɔdasani nnni nim,

ma wɔmmu amanaman atɛn w’anim.

20 Dwom 59.13 AWURADE, yi wɔn hu,

na amanaman nhunu sɛ wɔyɛ adasamma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help