Amos 5 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Adwotwa ne ahonu frɛ

1Israel fie, montie asɛm yi a merema so mo ho a ɛyɛ kwadwom:

2Ababaa Israel atɔ,

ɔrensɔre bio,

wɔahwe no ase n’asase so,

deɛ ɔbɛma no soɔ nni hɔ.

3Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Kuro a wɔde apem firi adie

bɛka ɔha,

na kuro a wɔde ɔha firi adie

bɛka du

ama Israel fie.

4 Yer 29.13 Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fie nie:

Monhwehwɛ m’akyiri kwan na monnya nkwa.

5 Amos 4.4; Hos 4.15 Na monnhwehwɛ Betel akyiri kwan,

na monnkɔ Gilgal,

na monntwam nnkɔ Beer-seba;

ɛfiri sɛ Gilgal bɛgyina akɔ otukorɔ mu,

na Betel bɛdane huhuo.

6Monhwehwɛ AWURADE akyiri kwan na monnya nkwa,

na wampue sɛ ogya Yosef fie,

na wanhye a obi a ɔbɛdum nni hɔ mma Betel;

7 Amos 6.12; Yes 5.20 mo a modane atemmuo bɔnwono

na mode tenenee hwehwe fam no!

8 Hiob 38.31; Amos 9.6 Ɔno na ɔyɛɛ nsoromma a ebi ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma ne Nwenwenente,

na ɔdane esum kabii adekyeeɛ,

na ɔma awia duru sum sɛ anadwo,

ɔfrɛ ɛpo mu nsuo

hwie gu asase ani,

AWURADE ne ne din.

9Ɔma ɔsɛeɛ ba otumfoɔ so sɛ anyinam,

na ɔsɛeɛ nso ba aban a ɛyɛ den so.

10 Yes 29.21 Wɔtane deɛ ɔtenetene, kuro pono mu,

na wɔkyiri deɛ ɔka nsɛm a ɛyɛ nokorɛ.

11 Sef 1.13 Enti ɛnam sɛ motiatia mmɔborɔni soɔ

na mogye ne hɔ ayuo nti,

mode aboɔ a wɔatwa atoto aban,

nanso morentena mu,

moatɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ,

nanso morennom mu nsa.

12Na menim sɛ mo mmarato dɔɔso

na mo bɔne mu yɛ den.

Mohiahia ɔteneneeni ho na mogyegye mpata,

na mokyea ahiafoɔ asɛm kuro pono mu.

13Saa nti ɔba nimdefoɔ mua n’ano, ɛberɛ no mu,

ɛfiri sɛ ɛyɛ berɛ bɔne.

14Monhwehwɛ papa, na ɛnyɛ bɔne,

na moanya nkwa,

na AWURADE, asafo Nyankopɔn ne mo atena,

sɛdeɛ moka no.

15 Dwom 34.15; Rom 12.9 Montane bɔne na monnɔ papa,

na momma atɛmpa ntim kuro apono mu;

ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn

bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ.

16Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no seɛ nie:

Adwotwa wɔ mmɔntene nyinaa so,

na wɔka no mmorɔno nyinaa so sɛ: Buee, buee!

Na wɔfrɛ okuafoɔ ma no bɛsu,

ne wɔn a wɔnim su ma wɔbɛtwa agyaadwo.

17Na adwotwa wɔ bobe nturo nyinaa mu,

ɛfiri sɛ mɛsane mafa wo mu,

AWURADE na ɔseɛ.

18 Yoel 2.11 Wɔnnue, wɔn a wɔfe AWURADE da no!

AWURADE da yi bɛyɛ mo dɛn?

Ɛyɛ esum, na ɛnyɛ hann.

19Ɛte sɛdeɛ obi dwane firi gyata anim

na osisire hyia no,

na ɔba efie na ɔde ne nsa twere ɔfasuo

na ɔwɔ ka no.

20AWURADE da no ɛnyɛ sum anaa? Ɛnyɛ hann!

Ɛnyɛ kusuu anaa? Ɛnhyerɛn!

21 Yes 1.11-15 Metane na mepo mo nnapɔnna,

na m’ani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.

22 Mika 6.6-7 Na sɛ mobɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ma me na mode mo aduane ayɛyɛdeɛ brɛ me a,

m’ani rensɔ,

na mo nyɛmmoa asomdwoeɛ afɔdeɛ nso,

merenhwɛ.

23Yi wo dwontoɔ gyegyeegyeyɛ firi me so,

na wo sankubɔ nso, merentie.

24Na atemmuo mmuni mmra sɛ nsuo,

na tenenee mmra sɛ asuo a ɛsene daa.

25 Aso 7.42-43 Israel fie, mode okum afɔdeɛ ne aduane ayɛyɛdeɛ brɛɛ me ɛserɛ so mfirinhyia aduanan?

26Mmom mosoa mo hene Sikut ne mo ahoni Kiun no, mo nyame a moyɛ faeɛ no nsoromma.

27Enti mɛtu mo akɔ Damasko akyire nohoa, AWURADE na ɔseɛ, asafo Nyankopɔn ne ne din.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help