1 Hes 1.22, 26 Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ.
2Hes 9.2; Adi 8.5 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Kɔ nkyimiiɛ no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma firi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam ma ma, na fa pete kuro no so.
Na ɔkɔɔ mu wɔ m’anim.
3Nso ɔbarima no kɔɔ mu no, na Kerubim no gyinagyina ɛdan no nifa so, na mununkum no ayɛ emu fam abannwa no so ma.
4Hes 1.4-28; Yes 6.4 Ɛnna AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii Kerub no so kɔɔ ɛdan no aponnwa atifi, na mununkum no hyɛɛ ɛdan no ma, na AWURADE animuonyam hyerɛn hyɛɛ abannwa no so ma.
5Na ɔtee Kerubim no ntaban mu gyegyeɛ no kɔsii ɛho fam abannwa no so, sɛ Onyankopɔn Tumfoɔ a ɔrekasa no nne.
6Na ɔhyɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Fa ogya firi nkyimiiɛ no ntam, Kerubim no ntam no, ɔkɔɔ mu kɔgyinaa nkyimiiɛ no ho.
7Na Kerub no tenee ne nsa firii Kerubim no ntam de kɔɔ Kerubim no ntam gya no ho, na ɔfaa ebi guu deɛ ɔhyɛ nwera atadeɛ no nsam, na ɔgyee de firii adi.
8Na Kerubim no wɔ biribi a ɛte sɛ nipa nsa wɔ wɔn ntaban ase.
9 Hes 1.15-16 Na mehunui, na hwɛ, na nkyimiiɛ nnan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimiiɛ baako wɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimiiɛ no ani te sɛ sikabereɛboɔ ani.
10Na nnan no nyinaa suban yɛ su korɔ, te sɛdeɛ nkyimiiɛ hyɛ nkyimiiɛ mu.
11Ɛnante a, ɛnam n’afanan so, ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu, na deɛ etire no hwɛ no, ɛdi akyire saa; ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu.
12Na wɔn honam nyinaa ne wɔn akyi ne wɔn nsa ne wɔn ntaban ne nkyimiiɛ no, ani ayeyɛ ɛho ma ma atwa ho ahyia, wɔn baanan no wowɔ wɔn nkyimiiɛ.
13Nkyimiiɛ no, m’aso mu na wɔtoo no din sɛ: Kyinhyia nkyimiiɛ.
14Na wɔwowɔ anim nnan nnan; deɛ ɔdi kan no anim yɛ Kerub no deɛ, na deɛ ɔtɔ so mmienu no anim yɛ onipa anim, na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no anim te sɛ gyata, na deɛ ɔtɔ so nnan no deɛ yɛ ɔkɔdeɛ anim.
15Na Kerubim no memaa wɔn ho so. Yeinom ne ateasefoɔ a mehunuu wɔn Asuo Kebar ho no.
16Na Kerubim no nante a, nkyimiiɛ no siane wɔn; na Kerubim no mema wɔn ntaban so sɛ wɔde rema wɔn ho so afiri asase so a, nkyimiiɛ no nso nnane mfiri wɔn nkyɛmu.
17Sɛ wɔgyina a, yeinom nso gyina, na sɛ wɔmema wɔn ho so a, yeinom nso mema ne ho so, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ mu.
18Ɛnna AWURADE animuonyam firii ɛdan no pono ano kɔgyinaa Kerubim no soɔ.
19Hes 10.1 Na Kerubim no memaa wɔn ntaban so, na wɔmemaa wɔn ho so firii asase so, m’anim, sɛ wɔrefiri adi, na nkyimiiɛ no wowɔ wɔn nkyɛn mu; na wɔkɔgyinaa AWURADE fie apueeɛ fam ponkɛseɛ no ano, na Israel Nyankopɔn animuonyam no wɔ wɔn atifi wɔ soro.
20Yeinom ne ateasefoɔ a mehunuu wɔn Israel Nyankopɔn aseɛ, Asuo Kebar ho no, na mehunuu sɛ ɛyɛ Kerubim.
21Obiara wɔ anim nnan nnan, na obiara wɔ ntaban nnan nnan, na onipa nsa nsɛsoɔ wowɔ wɔn ntaban no ase.
22Na wɔn anim nsɛsoɔ ne anim a mehunuu no Asuo Kebar ho no yɛ pɛ. Wɔn nyinaa nante kɔ wɔn anim tee.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.