1 Farisini ne ɔtogyeni no
9Na ɔbuu binom a wɔde wɔn ho too wɔn ho soɔ sɛ wɔtene na wɔmmu wɔn a aka no bɛ yi sɛ:
10Nnipa baanu kɔɔ asɔrefie mpaebɔ; ɔbaako yɛ Farisini, na ɔbaako yɛ ɔtogyeni.
11
13 Yesu hyira mmɔfra(Mateo 19.13-15; Marko 10.13-16)
15Na wɔde nkɔkoaa nso brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn; na asuafoɔ no hunuiɛ no, wɔkaa wɔn anim.
16Na Yesu frɛɛ mmɔfra no bae, see asuafoɔ no sɛ: Momma mmɔfra no mmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan! Na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no wɔ wɔn.
17Daa nkwa(Mateo 19.16-29; Marko 10.17-30)
18Na ɔpanin bi bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya daa nkwa?
19Na Yesu see no sɛ: Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako, ɔne Onyankopɔn.
20Ahopakyire so akatua
28Na Petro se: Hwɛ, yɛagya ade nyinaa hɔ abɛdi w’akyi.
29Na ɔsee wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ: Obi nni hɔ a wagya efie anaa yerɛ anaa anuanom anaa awofoɔ anaa mma hɔ Nyankopɔn ahennie nti,
30na ɔrennya no mmɔho pii ɛberɛ yi mu ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa.
Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa(Mateo 20.17-19; Marko 10.32-34)31 Luka 9.22; 9.44 Na ɔfaa dummienu no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na nnoɔma a adiyifoɔ no atwerɛ afa onipa ba no ho nyinaa bɛba mu.
32Na wɔbɛyi no ahyɛ wiase aman sofoɔ nsa, na wɔagoro ne ho, na wɔabɔ no adapaa, na wɔatete ntasuo agu ne so,
33na wɔaka no mpire, na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre bio.
34Mar 9.32 Na wɔn deɛ, wɔante yeinom biara ase, na asɛm yi ahunta wɔn, na wɔanhunu deɛ ɔkaeɛ no.
Onifirani bi adehunu(Mateo 20.29-34; Marko 10.46-52)35Na ɛbaa sɛ ɔrebɛn Yeriko no, na onifirani bi te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.
36Na ɔtee sɛ nkurɔfokuo bi retwam no, ɔbisaa aseɛ.
37Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, Yesu Nasareni no na ɔretwam.
38Na ɔteaa mu sɛ: Yesu, Dawid ba, hu me mmɔbɔ!
39Na wɔn a wɔdi kan no kaa n’anim sɛ ɔmmua n’ano; nanso ɔkɔɔ so teateaa mu denden sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ!
40Na Yesu gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa no mmrɛ no. Na ɔbɛneeɛ no, ɔbisaa no
41sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema woɔ? Na ɔkaa sɛ: Awurade, ma menhunu adeɛ.
42Luka 17.19 Na Yesu see no sɛ: Hunu adeɛ! Wo gyidie agye wo.
43Na amonom hɔ ara, ɔhunuu adeɛ, na ɔdii n’akyi de animuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde ayeyie maa Onyankopɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.