1 Dwom 37; 73 Aman nyinaa, montie yei,
mo a mote wiase nyinaa, monyɛ aso.
2Nnipa mma mpapahwekwaa oo,
mmarima mma a wɔwɔ din oo,
adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa.
3M’ano bɛka anyansasɛm,
na m’akomam nsusuiɛ yɛ nhunumu ara nko.
4 Dwom 78.2 Mɛbrɛ m’aso ase matie abebusɛm,
mede sankubɔ mɛkyerɛ me bɛ ase.
5Adɛn nti na mensuro nna bɔne mu,
nna a m’atɛfoɔ amumuyɛ twa me ho hyia mu?
6Wɔde wɔn ho to wɔn ahonyadeɛ so,
na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho.
7Onua rentumi nnye onipa da,
ɔremma Onyankopɔn ne mpatadeɛ,
8 Mat 16.26 na wɔn kra gyeɛ boɔ yɛ den,
na ɛma no gya hɔ koraa,
9sɛ ɔntena ase ara daa,
na wanhunu Adamena.
10 Ɔsɛ 2.16; 6.2 Na ɔhunu sɛ anyansafoɔ wuwu,
na saa nso na nkwasea ne agyimifoɔ sɛeɛ,
na wɔgya wɔn ahodeɛ ma ebinom.
11Wɔn tirim ne sɛ wɔn adan bɛtena hɔ daa,
na wɔn afie atena hɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so;
wɔde wɔn din toto wɔn nsase.
12 Ɔsɛ 3.19; 2 Pe 2.12 Nanso onipa a ɔwɔ anidie mu no, ɔrentena mu,
ɔte sɛ mmoa a wɔyi wɔn hɔ.
13Ɔkwan a nkwasea fa soɔ nie,
na wɔn a wɔpɛ wɔn anomu asɛm no di wɔn akyi.
14Wɔboa Asamando sɛ nnwan;
Owuo hwɛ wɔn so,
na teneneefoɔ bɛtiatia wɔn so anɔpa,
na wɔn deɛ, Asamando bɛsɛe wɔn ahoɔfɛ,
na wɔannya tenabea bio.
15 Hos 13.14 Na me kra deɛ, Onyankopɔn bɛgye no Asamando nsam,
na ɔbɛgye me.
16 Hiob 21.7-15 Sɛ obi nya ne ho a, nsuro,
sɛ ne fie animuonyam redɔɔso a, nsuro,
17 Ɔsɛ 5.14-15 na ɔwu a, ɔremfa emu biribiara nkɔ,
n’animuonyam rensiane nni n’akyi.
18 Luka 16.19-31 Sɛ ɔhyira ne kra ne nkwa berɛ mu,
nso wɔyi wo ayɛ sɛ woyɛ wo ho yie a,
19ɔbɛkɔ n’agyanom abusua mu,
wɔrenhunu hann ara da.
20 Dwom 49.12 Onipa a ɔwɔ anidie mu na ɔnni nhunumu no,
ɔte sɛ mmoa a wɔyi wɔn hɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
