Numeri 34 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ahyɛdeɛ wɔ Kanaanfoɔ ho

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Eks 23.31 Hyɛ Israelfoɔ no mmara na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru Kanaan asase no so a, (yei ne asase a ɛbɛyɛ mo agyapadeɛ, Kanaan asase no, sɛdeɛ n’ahyeɛ teɛ).

3Yos 15.1 Mo anafoɔ fam nkyɛn mfiri Sin serɛ so Edom nkyɛn mu. Na mo anafoɔ fam hyeɛ no mfiri Nkyene Po awieeɛ wɔ apueeɛ;

4na mo hyeɛ no mmra Akrabim aforoeɛ anafoɔ fam, na ɛntwam nkɔ Sin, na ɛmfiri hɔ nkɔ Kades-barnea anafoɔ fam, na ɛmfiri hɔ nkɔ Hasar-adar ntwam nkɔfa Asmon.

5Na ɛhyeɛ no nkonton mfiri Asmon nkɔ Misraim subonhwa no mu, na ano nkɔpem po no ano.

6Na atɔeɛ fam hyeɛ no deɛ, ɛpo kɛseɛ a ɛda hɔ ma mo no na ɛnyɛ ɛhyeɛ; ɛno na ɛnyɛ mo atɔeɛ fam hyeɛ.

7Na yei nyɛ mo atifi fam hyeɛ: Momfiri po kɛseɛ no ano mfa mo ani nkari Hor bepɔ,

8na momfiri Hor bepɔ ho nkari deɛ wɔfa kɔ Hamat, na ɛhyeɛ no ano nkɔpem Sedad.

9Na ɛhyeɛ no mfiri hɔ nkɔ Sifron, na ano nkɔpem Hasar-enan; yei na ɛnyɛ mo atifi fam hyeɛ.

10Na monkari apueeɛ fam hyeɛ mfiri Hasar-enan nkɔ Sefam;

11Luka 5.1 na ɛhyeɛ no mfiri Sefam nsiane nkɔ Ribla, Ain apueeɛ, na ɛhyeɛ no nsiane ara nkɔpem Kineret Po no nsunoa, apueeɛ;

12na ɛhyeɛ no nsiane nkɔduru Yordan, na ano nkɔpem Nkyene Po ano. Yei ne mo asase no, sɛdeɛ ɛho ahyeɛ teɛ.

13Na Mose hyɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Yei ne asase a momfa ntontobɔ so nkyɛ mu nni soɔ a AWURADE ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusuakuo nkron ne fa no.

14Num 32.33 Na Ruben mma abusuakuo, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, ne Gad mma abusuakuo, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, ne Manase abusuakuo fa no anya wɔn kyɛfa.

15Mmusuakuo mmienu ne fa no anya wɔn kyɛfa Yeriko, Yordan agya, anim fam ne apueeɛ.

16Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

17Yos 14.1; 21.1; Deut 1.38 Mmarima a wɔnkyɛ asase no mu mma mo no din nie: Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua.

18Na monyiyi mmusuakuo nyinaa mu mmapɔmma mmaako mmaako, na wɔnkyɛ asase no mu.

19Num 13.6, 30 Mmarima no din nie: Yuda abusuakuo mu: Yefune ba Kaleb;

20Simeon abusuakuo mu: Amihud ba Semuel;

21Benyamin abusuakuo mu: Kislon ba Elidad;

22Dan mma abusuakuo mu bapɔmma: Yogli ba Buki;

23Yosef mma no deɛ: Manase mma abusuakuo mu bapɔmma: Efod ba Haniel;

24Efraim mma abusuakuo mu bapɔmma: Siftan ba Kemuel;

25Sebulon mma abusuakuo mu bapɔmma: Parnak ba Elisafan;

26Isakar mma abusuakuo mu bapɔmma: Asan ba Paltiel;

27Aser mma abusuakuo mu bapɔmma: Selomi ba Ahihud;

28Naftali mma abusuakuo mu bapɔmma: Amihud ba Pedahel.

29Yeinom ne wɔn a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnkyɛ Kanaan asase mma Israelfoɔ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help