Yesaia 34 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Atamfoɔ nyinaa ho atemmusɛm

1Amanaman, montwe mpini mmɛtie,

na mo, nkurɔfoɔ, monwɛn mo aso.

Asase ne ne mayɛ ntie,

wiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa.

2Na AWURADE abohuro bɛba amanaman nyinaa so,

na abufuhyeɛ aba wɔn dɔm nyinaa so,

wadome wɔn de wɔn ama okum.

3 Yes 14.19 Na wɔn atɔfoɔ no, wɔbɛto wɔn agu,

na wɔn afunu ayi hwa kankan,

na wɔn mogya atene wɔ mmepɔ so.

4 Adi 6.13-14 Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ,

na wɔabobɔ ɔsoro sɛ nwoma,

na n’asafo nyinaa apo,

sɛdeɛ obobe so ahahan poɔ

anaasɛ borɔdɔma so deɛ poɔ no.

5 Yer 49.7-22 Na m’afena anom amee wɔ soro;

hwɛ, ɛsiane ba Edom so,

ɛreba me nnome man no so abɛbu atɛn.

6Mogya ara nko adue AWURADE afena,

sradeɛ afɔre ho,

nnwammaa ne mpapo mogya,

adwennini sawa ho sradeɛ,

na AWURADE wɔ okum afɔdeɛ wɔ Bosra ne okunkɛseɛ wɔ Edom asase so.

7Na okoo ne wɔn bɛbom ahwehwe fam,

ɛne anantwie ne anantwinini akɛseɛ,

na wɔn asase bɛboro mogya,

na sradeɛ ayɛ wɔn dɔteɛ sɔɔsɔɔ.

8 Yes 13.6, 9; 63.4 Na AWURADE wɔ aweretɔ da

ne ananmuhyɛ afe a ɔbɛdi ama Sion.

9 Gye 19.24 Na Edom nsuwansuwa bɛdane aman,

na ne dɔteɛ nso adane sɔfe,

na n’asase no ayɛ aman a ɛdɛreɛ;

10 Adi 14.11; 19.3 ɛrennum anadwo ne awia,

ne wisie bɛpunu akɔsi daa,

na ayɛ amamfo, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu,

na obiara remfa hɔ bio koraa;

11na akorɔma ne kɔtɔkɔ na wɔbɛfa,

na patuo ne anene atena hɔ.

Na ɔbɛsa so sakasakayɛ homa,

na amamfoyɛ sumpii boɔ asɛne so.

12Na wɔbɛfrɛ hɔ sɛ, Ahennie Biara Nni Hɔ,

na n’asafohene nyinaa bɛyera.

13 Yes 13.21-22 Nkasɛɛ bɛfu n’aban afɛfɛ mu,

na nsansono ne hwerɛmo afu n’abandenden mu,

na ayɛ ɛserɛ so kraman tenabea

ne nsohori adidibea.

14 Adi 18.2 Na ɛserɛ so mmoa ne nkuntumpaa bɛhyia hɔ,

na sasabonsam asu afrɛ ne mfɛfoɔ;

ɛhɔ nso na anadwoboa bɛtena,

na wanya ɔhome.

15Ɛhɔ na ɔpatuo bɛyɛ ne buo,

na wato abutu so ahwane, na waboaboa ne mma ano wɔ ne nwunu mu,

na asansa nso aboaboa wɔn ano wɔ hɔ,

obiara ne n’atipɛnsoɔ.

16Monhwehwɛ AWURADE nwoma no mu nkenkan:

Yeinom mu baako mpo renyera,

ebi tiafoɔ remmɔ no, na AWURADE

ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano.

17Na ɔno na watwe tonto de ama wɔn,

na ne nsa de susuhoma akyɛ ama wɔn,

sɛ wɔnni so nkɔsi daa, na wɔntena so, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help