Hesekiel 20 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Israel asoɔden

1 Hes 14.1 Na afe a ɛtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so du no, Israel mpanimfoɔ no mu binom ba bɛbisaa AWURADE hɔ adeɛ, na wɔbɛtenaa m’anim.

2Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

3Hes 14.3 Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me hɔ adebisa na mobaeɛ yi? Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

4Wobɛbu wɔn atɛn, onipa ba? Wobɛbu wɔn atɛn? Ɛnneɛ ma wɔnhunu wɔn agyanom akyiwadeɛ.

5Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛda a mefaa Israel na memaa me nsa so kyerɛɛ Yakob fie asefoɔ, na memaa wɔhunuu me Misraim asase soɔ na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn kaa sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, no.

6Eks 6.7-8 Ɛda no na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, sɛ merebɛyi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase a mepɛ maa wɔn, a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ, a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,

7Yos 24.14, 23 na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo nyinaa montoto mo ani so akyiwadeɛ no ngu, na mommfa Misraim abosonhuhuo nngu mo ho fi; mene AWURADE mo Nyankopɔn.

8Na wɔtee me so atua, na wɔampene sɛ wɔtie me; wɔn mu obiara biara anto n’ani so akyiwadeɛ no antwene, na wannya Misraim abosonhuhuo no.

Ɛnna mese: Mɛhwie m’anibereɛ agu wɔn so, de awie m’abufuo no wɔ wɔn so, Misraim asase so.

9Hes 36.21-22; Eks 32.12 Nanso me din nti, meyɛe na ɛho angu fi amanaman a wɔte wɔn mu no anim, wɔn a memaa wɔhunuu me wɔn ani so, sɛ mereyi wɔn afiri Misraim asase so.

10Ɛnna meyii wɔn firii Misraim asase soɔ, na mede wɔn baa ɛserɛ so,

11Lew 18.5 Na mede m’ahyɛdeɛ maa wɔn, na memaa wɔhunuu m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔnya mu nkwa no.

12Eks 31.13, 17 Nanso mede me home nna maa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔnhunu sɛ mene AWURADE a metee wɔn ho no.

13Hes 20.9 Na Israel fie tee m’anim atua ɛserɛ so; wɔanni m’ahyɛdeɛ so na wɔpoo m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no, na me home nna nso, wɔguu ho fi bebree.

Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, ɛserɛ so, na madwerɛ wɔn.

14Nanso me din nti meyɛe na ɛho angu fi, amanaman a meyii wɔn, wɔn anim no anim.

15Num 14.12 Nanso memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, ɛserɛ so sɛ, meremfa wɔn nkɔ asase a memaeɛ a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,

16ɛsiane sɛ, wɔpoo m’atemmudeɛ na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔguu me home nna ho fi nti; na na wɔn abosonhuhuo no akyi na wɔn akoma die.

17Nanso mehunuu wɔn mmɔbɔ, na mansɛe wɔn, na manyɛ wɔn pasaa, ɛserɛ no so.

18Na meka kyerɛɛ wɔn mma, ɛserɛ no so sɛ: Monnnante mo agyanom ahyɛdeɛ no mu, na monnni wɔn atemmudeɛ no so, na mommfa wɔn abosonhuhuo nngu mo ho fi.

19Mene AWURADE mo Nyankopɔn, m’ahyɛdeɛ mu na monnanteɛ, na m’atemmudeɛ na monni soɔ na monyɛ,

20Hes 20.12 na monyɛ me home nna no kronkron, na ɛnyɛ me ne mo ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na monhunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

21Na mma no nso tee me so atua, wɔannante m’ahyɛdeɛ no mu, na wɔanni m’atemmudeɛ so anyɛ deɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no; me home nna nso, wɔguu ho fi.

Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, na mawie m’abufuo wɔn mu ɛserɛ no so.

22Hes 20.9, 14 Nanso mesiankaa me nsa, na me din nti, meyɛe, na ɛho angu fi amanaman a meyii wɔn firii wɔn anim no.

23Nso mekaa wɔn ntam ɛserɛ no so, sɛ mɛbɔ wɔn apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so,

24ɛsiane sɛ wɔanyɛ m’atemmudeɛ na wɔapo m’ahyɛdeɛ, na wɔagu me home nna ho fi, na wɔn ani di wɔn agyanom abosonhuhuo akyiri nti.

25Na me nso memaa wɔn ahyɛdeɛ a ɛnyɛ ne atemmudeɛ a wɔnnya mu nkwa ho kwan,

26Hes 20.31; 2 Be 33.6 na meguu wɔn ho fi, wɔn ayɛyɛdeɛ mu, ne bɔ a wɔde wɔn abakan bɔɔ afɔdeɛ no mu, na masɛe wɔn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

27Enti, onipa ba, kasa kyerɛ Israel fie, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei mu nso, mo agyanom kaa abususɛm tiaa me, na wɔfomm me,

28ɛfiri sɛ mede wɔn baa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn no soɔ no, sɛ wɔhunu kokoɔ a ɛkorɔn biara ne dua kusuu biara, na wɔrebɔ wɔn afɔdeɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ a ɛhuru me boɔ no kyɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn hwa hwamhwam ma wɔ hɔ, na wɔhwie wɔn ahwiesa wɔ hɔ.

29(Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn ne sorɔnsorɔnbea a mokɔ hɔ no? Na wɔtoo hɔ din sɛ sorɔnsorɔnbea de bɛsi nnɛ da yi.)

Atemmuo ne bɔhyɛ

30Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mo agyanom kwan so na mogu mo ho fi, na wɔn atantanneɛ akyi na mobɔ adwaman die,

31Hes 20.26; 2 Ah 16.3; 17.17 na mode mo ayɛyɛdeɛ ba, na moma mo mma fa ogya mu yi, mogu mo ho fi mo abosonhuhuo nyinaa fam de bɛsi nnɛ yi, na me na wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo anaa? Israel fie! Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo.

32Na deɛ ɛba mo adwene mo no, ɛrenyɛ hɔ oo! Deɛ moka sɛ: Yɛbɛyɛ sɛ amanaman no, sɛ nsase so mmusua no, na yɛasom dua ne ɔboɔ no.

33Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, mede nsa a ɛyɛ den ne basa a emu atene ne anibereɛ a wɔahwie aguo na ɛbɛdi mo so hene.

34Na mɛyi mo afiri aman mu, na maboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete hɔ no so, nsa a ɛyɛ den ne basa a emu atene ne anibereɛ a wɔahwie aguo so,

35Hos 2.14 na mede mo aba aman no serɛ so na mabɛbu mo atɛn wɔ hɔ, anim ne anim.

36Num 14.22-23 Sɛdeɛ mebuu mo agyanom atɛn ɛserɛ so wɔ Misraim asase soɔ no, saa ara na mɛbu mo atɛn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

37Na mɛma moafa abaa no ase, na mede mo aba apam no nkyehoma mu.

38Na mɛyiyi mo mu atuatefoɔ ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn ahɔhobea asase no so na mɛyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE.

39Na mo, Israel fie, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuo ɛ, seesei ne daakye, sɛ moantie me a, ɛnneɛ na mommfa mo ayɛyɛdeɛ ne mo abosonhuhuo no ngu me din kronkron no ho fi bio.

40 Hes 17.23 Na bepɔ kronkron, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛhɔ na Israel fie nyinaa, wɔn dodoɔ a ɛwɔ asase no soɔ nyinaa bɛsom me; ɛhɔ na wɔbɛsɔ m’ani, na ɛhɔ nso na mɛbisa mo mmasoɔ adeɛ ne mo ayɛyɛdeɛ mu adikanneɛ, mo akronkronneɛ nyinaa mu.

41Mobɛsɔ m’ani sɛ ehwa hwamhwam, ɛberɛ a mɛyi mo afiri aman mu no, na maboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no, mo mu na mɛma wɔayɛ me kronkron, amanaman no anim.

42Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, berɛ a mede mo bɛba Israel asase, asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no soɔ no,

43Hes 36.31-32 na ɛhɔ na mobɛkae mo akwan ne mo nneyɛɛ a mode guu me ho fi no nyinaa, na mo ho ayɛ mo nwunu, mo ani so, mo bɔne a moyɛeɛ no nyinaa nti.

44Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE. Me din nti na me ne mo bɛdie, ɛnyɛ mo akwammɔne no so, ne mo nneyɛɛ a asɛeɛ no so, Israel fie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

45Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

46Onipa ba, fa w’ani kyerɛ anafoɔ fam, ka asɛm kyerɛ anafoɔ fam, na ka adiyisɛm kyerɛ Negeb petee mu kwaeɛ,

47na ka kyerɛ Negeb kwaeɛ no sɛ: Tie, AWURADE asɛm nie: Hwɛ, meresɔ wo mu gya, na ahye wo mu nnua mono nyinaa ne nnua wuiɛ nyinaa. Ogyaframa a ɛdɛre framframfram no rennum, na ahye asase ani nyinaa afiri anafoɔ fam akɔsi atifi fam.

48Na honam nyinaa bɛhunu sɛ me AWURADE na mesɔeɛ, ɛrennum.

49Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wɔn deɛ, wɔka no ne me ho sɛ: Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebubuo yi?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help