2 Berɛsosɛm 29 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Hesekia totoo asɔrefie no foforɔ

1 2 Ah 18.1-3 Hesekia bɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Abia a ɛyɛ Sakaria ba.

2Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛdeɛ n’agya Dawid yɛeɛ no ara.

3Ɔno deɛ, n’ahennie afe a ɛdi kan no mu, bosome a ɛdi kan no so na ɔhinihinii AWURADE fie apono no, na ɔmiamiaa mu.

4Na ɔde asɔfoɔ ne Lewifoɔ no baa mu, na ɔboaboaa wɔn ano apueeɛ mpraeɛ no so,

5na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Lewifoɔ, montie, afei monyɛ mo ho kronkron, na monyɛ AWURADE mo Nyankopɔn fie kronkron, na monyiyi fi no mfiri kronkronbea hɔ.

6Na yɛn agyanom fomee, na wɔyɛɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ani so bɔne, na wɔgyaa no, na wɔyii wɔn ani firii AWURADE tenabea no ho, na wɔde wɔn akyi kyerɛɛ no.

72 Be 28.24 Nso wɔtoo ntwironowa no apono mu, na wɔdunnumm nkanea no, na wɔanhye aduhwam, na ɔhyeɛ afɔdeɛ nso wɔammɔ no kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn no.

8Enti na AWURADE abufuo baa Yuda ne Yerusalem soɔ, na ɔde wɔn yɛɛ ahoyeradeɛ ne ahodwirideɛ ne hwerɛmabɔ, sɛdeɛ mo ara mode mo ani hunu yi.

92 Be 28.5-8 Na hwɛ, yɛn agyanom atotɔ afena ano, na yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ne yɛn yerenom nso, yei nti wɔafa wɔn nnommum kɔ.

10Afei ɛwɔ m’akoma mu, sɛ me ne AWURADE Israel Nyankopɔn bɛpam, na n’abufuhyeɛ no afiri yɛn so akɔ.

11Me mma, afei monnyɛ aniha, na mo na AWURADE ayi mo sɛ monnyina n’anim nsom, na monyɛ no asomfoɔ ne aduhwamhyefoɔ.

12Ɛnna Lewifoɔ no sɔreeɛ, Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel, wɔfiri Kohatfoɔ mma mu; ne Merari mma mu: Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria; ne Gersonfoɔ no mu: Sima ba Yoah ne Yoah ba Eden.

13Ne Elisafan mma mu, Simri ne Yeiel; ne Asaf mma mu, Sakaria ne Matania;

14ne Heman mma mu: Yehiel ne Simei; ne Yedutun mma mu: Semaia ne Usiel.

15Na wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wɔyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔbaa sɛdeɛ ɔhene hyɛɛ no AWURADE nsɛm soɔ no, sɛ wɔrebɛpepa AWURADE fie no mu.

16Na asɔfoɔ no hyɛnee AWURADE fie no mu sɛ wɔrekɔpepa mu, na wɔyiyii fi a wɔhunuu no AWURADE fie no mu no nyinaa de baa AWURADE fie abannwa no so, na Lewifoɔ no sesa firii hɔ, na wɔkɔto guu Kidron subonhwa no mu.

17Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na wɔfirii kronkronyɛ no aseɛ, na bosome no mu da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔduruu AWURADE ntwironowa no ho, na wɔyɛɛ AWURADE fie no kronkron nnawɔtwe; na bosome a ɛdi kan, da a ɛtɔ so dunsia no wɔwiee,

18ɛnna wɔhyɛnee mu baa Ɔhene Hesekia nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yɛapepa AWURADE fie hɔ nyinaa ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho adeɛ nyinaa, ne nsiesieeɛ pono no ne ɛho nnoɔma nyinaa ho;

19na nnoɔma a Ɔhene Ahas di hene no, ɔto guiɛ wɔ ne mmarato mu no nyinaa nso, yɛasiesie na yɛadwira ho, na hwɛ, ɛwowɔ AWURADE afɔrebukyia no anim.

20Ɛnna Ɔhene Hesekia tuaa nhema boaboaa kuro no mmapɔmma no ano, na ɔforo kɔɔ AWURADE fie.

21Na wɔde anantwinini nson ne adwennini nson ne nnwammaa nson ne mpapo nson kɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ maa ahennie no ne kronkronbea no ne Yuda. Na ɔka kyerɛɛ Aaron mma, asɔfoɔ no, sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ AWURADE afɔrebukyia no so.

22Na wɔkunkumm anantwie no, na asɔfoɔ no sɔɔ mogya no, na wɔde petee afɔrebukyia no so, na wɔkunkumm adwennini no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so, na wɔkunkum nnwammaa no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so.

23Na wɔde bɔne ho afɔdeɛ mpapo no baa ɔhene badwa no anim, na wɔde wɔn nsa guguu wɔn so.

24Na asɔfoɔ no kunkumm wɔn, na wɔde wɔn mogya no yɛɛ bɔne ho afɔdeɛ guu afɔrebukyia no ho sɛ wɔde repata ama Israel nyinaa. Na Israel nyinaa na ɔhene no kaa sɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no yɛ Israel nyinaa dea.

25 1 Be 25.1 Na ɔde Lewifoɔ no gyinagyinaa AWURADE fie, na wɔkurakura nnawuro ne mmɛnta ne asankuten sɛdeɛ Dawid ne ɔhene no Ɔdehunufoɔ Gad ne Odiyifoɔ Natan hyɛeɛ no. Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nsa so na ɔhyɛeɛ.

26Na Lewifoɔ no de Dawid nsankuo no gyinagyina hɔ, na asɔfoɔ no nso de ntotorobɛnto.

27Na Hesekia kaa sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no so. Na ɛberɛ a wɔfirii ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ aseɛ no, AWURADE dwom ne ntotorobɛntohyɛne nso firii aseɛ Israelhene Dawid dwontoɔ nnoɔma no so.

28Na badwa no nyinaa kotokotoe, na wɔtotoo nnwom na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto no ara de kɔsii sɛ wɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ.

29Na wɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔhene ne wɔn a na wɔka ne ho no nyinaa kotokoto sɔree.

302 Be 23.18 Na Ɔhene Hesekia ne asafohene no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid ne Ɔdehunufoɔ Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigyeɛ yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.

31Na Hesekia kaa sɛ: Afei moadwira mo ho ama AWURADE, montwe mpini, na momfa okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ mmra AWURADE fie. Na badwa no de okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ bae, na obiara a ɔwɔ ayamyɛ akoma no de ɔhyeɛ afɔdeɛ bae.

32Na ɔhyeɛ afɔdeɛ a badwa no de baeɛ no ano si anantwie aduɔson, adwennini ɔha, nnwammaa ahanu. Yei nyinaa wɔde bɔɔ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ.

33Na akronkronneɛ no yɛ anantwie ahansia ne nnwan mpensa.

342 Be 30.3, 16-17 Nanso na asɔfoɔ no nnɔɔso nti, wɔn nko ara antumi anyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa, enti wɔn nuanom Lewifoɔ no boaa wɔn kɔsii sɛ wɔwiee adwuma no ansa na asɔfoɔ no reyɛ wɔn ho kronkron. Na na Lewifoɔ no akoma tene sene asɔfoɔ no wɔn ho kronkronyɛ no mu.

35Lew 3.3, 16-17; Num 15.5; 7.10 Nanso ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ ne ahwiesa a ɛka ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho dɔɔso bebree. Sɛ wɔsiesiee AWURADE fie som no nie.

36Na Hesekia ne ɔman no nyinaa ani gyee sɛ Onyankopɔn asiesie ɔman no, ɛfiri sɛ ntɛm so na wɔyɛɛ adeɛ yi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help