Numeri 3 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Lewifoɔ no dodoɔ ne wɔn asɛdeɛ

1 Eks 6.23 Na yeinom ne Aaron ne Mose mmusua, da a AWURADE ne Mose kasaa Sinai bepɔ soɔ no.

2Na yeinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, Abihu, Eleasa ne Itamar.

3Yeinom ne Aaron mma, asɔfoɔ a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnni asɔfoɔ no din.

4Lew 10.1-2 Na Nadab ne Abihu wuwuu AWURADE anim, sɛ wɔde anana gya bi kɔɔ AWURADE anim Sinai serɛ soɔ no, na wɔannya mma; na Eleasa ne Itamar dii asɔfoɔ wɔn agya Aaron anim.

5Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

6Eks 32.29 Fa Lewi abusuakuo no bra na fa wɔn bɛgyina ɔsɔfoɔ Aaron anim, na wɔnsom no,

7na wɔnyɛ ɔno ne asafo no nyinaa adwuma mma wɔn, ahyiaeɛ ntomadan no anim, tenabea no ho som mu,

8Num 4 na wɔnhwɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu nnoɔma nyinaa so nyɛ Israelfoɔ nnwuma mma wɔn, tenabea no ho som mu.

9Na fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama no koraa afiri Israelfoɔ mu.

10Num 1.51 Na Aaron ne ne mma no deɛ, yi wɔn si hɔ na wɔnkura wɔn asɔfodie no mu; na ɔhɔhoɔ biara a ɔtwe pini ho no, wɔnku no.

11Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

12Num 8.16; Eks 13.2 Na me deɛ, hwɛ, mafa Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ mu asi Israelfoɔ mu mmakan a wɔbue ɔyafunu ano no nyinaa ananmu, enti Lewifoɔ no ayɛ me dea.

13Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, ɛfiri onipa so kɔsi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE.

14Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, Sinai serɛ so sɛ:

15Kan Lewi mma no sɛdeɛ wɔn mpanimfie ne wɔn mmusua teɛ, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa, kan wɔn.

16Na Mose nam AWURADE asɛm no so kan wɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no.

17Eks 6.16-19 Na yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn din teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.

18Na yeinom ne Gerson mma din, sɛdeɛ wɔn mmusuakuo teɛ: Libni ne Simei.

19Na Kohat mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, ne: Amram ne Isehar, Hebron ne Usiel.

20Na Merari mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ ne: Mahli ne Musi. Yeinom ne Lewi mmusua no, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ.

21Gerson deɛ ne Libni abusua ne Simei abusua; yeinom ne Gersonfoɔ mmusua no.

22Wɔn mu wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem nson ne ahanum.

23Gersonfoɔ mmusua yi kyeree nsraban tenabea no akyi wɔ atɔeɛ fam.

24Na Gersonfoɔ agya fie bapɔmma ne Lael ba Eliasaf.

25Na deɛ Gerson mma no nhwɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho ne tenabea no ne ntomadan no, ne nkatasoɔ ne ahyiaeɛ ntomadan no ano nkataano no,

26ne adihɔ no ho ntwamutam no ne adihɔ a ɛtwa tenabea no ne afɔrebukyia no ho hyia no ano nkataano ne ne ntampehoma, ntomadan no ho adwuma nyinaa.

27Na Kohat deɛ ne Amramfoɔ abusua, Iseharfoɔ abusua, Hebronfoɔ abusua ne Usielfoɔ abusua; yeinom ne Kohatfoɔ mmusua no.

28Mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa dodoɔ yɛ mpem nwɔtwe ne ahansia. Wɔn na wɔyɛ kronkronbea no ho ahwɛfoɔ.

29Kohat mma no mmusua nkyere nsraban tenabea no nkyɛn, anafoɔ fam.

30Lew 10.4 Na Kohatfoɔ mmusua no agya fie bapɔmma ne Usiel ba Elisafan.

31Num 7.9 Na deɛ wɔnhwɛ ne adaka no, ɛpono no, kaneadua no, afɔrebukyia no ne kronkronbea hɔ nnoɔma nyinaa a wɔde som no ne ntwamutam no ne ɛho adwuma nyinaa.

32Na Lewi mmapɔmma mu panin ne Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa, ɔne wɔn a wɔkura kronkronbea mu no so no mu panin.

33Merari deɛ ne Mahli abusua ne Musi abusua; yeinom ne Merari mmusua no.

34Na wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa dodoɔ yɛ mpem nsia ne ahanu.

35Na Merari mmusua no agya fie bapɔmma ne Abihail ba Suriel. Tenabea no nkyɛn na wɔnkyere wɔn nsraban atifi fam.

36Na Merari mma no hwɛ adwuma ne tenabea no ntaaboɔ ne ne mmeamu ne n’adum ne ne nnyinasoɔ ne ɛho nnoɔma nyinaa ne ɛho adwuma nyinaa,

37ne adihɔ no ho adum a ɛhyia ho no ne ne nnyinasoɔ ne ɛho mpɛɛwa ne ɛho ntampehoma so.

38 Num 3.10 Na wɔn a wɔnkyere nsraban, ahyiaeɛ ntomadan no anim, apueeɛ no, ne Mose ne Aaron ne ne mmammarima a wɔkura kronkronbea no ma Israelfoɔ no; na ɔhɔhoɔ a ɔtwe pini no, wɔnku no.

39Lewifoɔ a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa yɛ mpemaduonu mmienu.

Lewifoɔ gye mmakan

40Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kan Israelfoɔ no mu mmakan mmarima a wɔadi bosome ne akyire nyinaa, na bu wɔn din dodoɔ ano;

41na fa Lewifoɔ no ma me — mene AWURADE — fa wɔn si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifoɔ afieboa si Israelfoɔ no afieboa mmakan nyinaa ananmu.

42Na Mose kan Israelfoɔ mu mmakan nyinaa sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no.

43Na mmakan mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa din dodoɔ, sɛdeɛ wɔn a wɔkan no teɛ no ano si mpemaduonu mmienu ne ahanu aduɔson mmiɛnsa.

44Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

45Num 3.12 Fa Lewifoɔ si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu ne Lewifoɔ afieboa si wɔn afieboa ananmu, na Lewifoɔ no nyɛ me dea: Mene AWURADE.

46Num 3.39, 43 Na Israelfoɔ mmakan mu nnipa ahanu aduɔson mmiɛnsa a wɔboro Lewifoɔ soɔ no agyedeɛ deɛ,

47gye obiara dwetɛbena nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ na gyeɛ, gera aduonu nyɛ dwetɛbena baako;

48na fa dwetɛ a ɛyɛ wɔn a wɔboro wɔn soɔ no agyedeɛ no ma Aaron ne ne mma.

49Na Mose gyegyee dwetɛ no wɔn a wɔboro wɔn a Lewifoɔ gyee wɔn no soɔ hɔ.

50Israelfoɔ mmakan hɔ na ɔgyegyee dwetɛ no, apem ahasa aduosia nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ.

51Na Mose nam AWURADE asɛm so de wɔn a wɔagye wɔn no tiri dwetɛ no maa Aaron ne ne mma, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help