Gyenesis NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUEdin Gyenesis a wɔde ato nwoma yi aseɛ ne mfitiaseɛ. Nwoma no ka sɛdeɛ wɔbɔɔ wiase ne adasamma ne deɛ ɛyɛɛ a bɔne ne amanehunu baa wiase. Ɛka ɔkwan a Onyankopɔn de nnipa fa so nso ho asɛm. Wɔtumi kyɛ Gyenesis nwoma no mu mmienu ma ɛyɛ yie.1. Ti 1—11 ka sɛdeɛ wɔbɔɔ wiase ne adasamma ho abakɔsɛm. Ɛha na wɔka Adam ne Hawa, Kain ne Habel, Noa ne nsuyire no ne Babel Abantenten no ho asɛm.2. Ti 12—50 ka Israelfoɔ tetefoɔ ho asɛm. Abraham na ɔdi kan. Ne gyidie ne ɔsetie a ɔyɛ maa Onyankopɔn nti, ɛmaa no gyee din kɛseɛ. Abraham akyi na Isak ne Abraham nana Yakob a wɔsane frɛ no Israel no die. Yakob woo mmammarima dummienu. Wɔn na wɔhyɛɛ Israel mmusuakuo dummienu no aseɛ. Yosef ka Yakob mmammarima dummienu no ho deɛ, nanso nsɛm a wɔka fa ne ho no yɛ sononko. Ɛnam ne so na Yakob ne ne mma a aka no ne wɔn yerenom ne wɔn mma kɔfirii Misraim kɔtenaa hɔ. Nwoma yi ka nnipa ho nsɛm deɛ, nanso deɛ Onyankopɔn ayɛ no titire na ɛsi so dua. Ɛde adebɔ na ɛfiri aseɛ, na ɛde bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ sɛ ɔbɛkɔ so ahwɛ ne nkurɔfoɔ so daa no awie. Onyankopɔn na nwoma no ka ne ho asɛm titire. Ɔbu atɛn, na ɔtwe wɔn a wɔyɛ bɔne aso. Ɔsane ma wɔn akwankyerɛ, na wadanedane wɔn aboa wɔn wɔ wɔn asetena mu. Wɔtwerɛɛ nwoma yi akyɛ. Ɛka nnipa gyidie ho asɛm sɛ ɛbɛyɛ a saa gyidie no bɛtim.EMU NSƐMWɔbɔɔ wiase ne adasamma 1.1—2.25Bɔne ne amanehunu mfitiaseɛ 3.1-24Ɛfiri Adam so kɔsi Noa so 4.1—5.32Noa ne nsuyire ho asɛm 6.1—10.32Babel Abantenten ho asɛm 11.1-9Ɛfiri Sem so kɔsi Abram so 11.10-32Tete Agyanom: Abraham, Isak ne Yakob ho nsɛm 12.1—35.29Esau asefoɔ 36.1-43Yosef ne ne nuanom ho asɛm 37.1—45.28Israelfoɔ kɔtenaa Misraim 46.1—50.26
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help