Hiob 21 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Hiob mmuaeɛ

1Na Hiob gyee so sɛ:

2Tie na montie me kasa,

na yei nyɛ mo awerɛkyekyerɛ.

3Monnyaa me mma me nso menkasa,

na mekasa mewie a, afei moadi fɛw.

4Me deɛ, onipa na medi abooboo mekyerɛ no anaa?

Na adɛn nti na me home rente me?

5Monnane mo ani nhwɛ me, na mo ho nnwiri mo,

na momfa mo nsa ntuatua mo ano.

6Sɛ mekae a, mebɔ binim,

na nketenkete kuta me honam.

7 Dwom 37; 73; Yer 12.1 Adɛn nti na abɔnefoɔ nya nkwa,

wɔnyini kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfoɔ akɛseɛ nso?

8Wɔn mma si wɔn anim pintinn ka wɔn ho,

aane, mekyerɛ wɔn asefoɔ.

9Wɔn afie mu dwo, ehu biara nni mu,

na Nyankopɔn ntea bi nni wɔn so.

10Ne nantwinini wo, na ɔnyɛ krawa,

ne nantwibereɛ yɛ awoyie, na ɔmpɔn.

11Wɔyi wɔn ntɔtɔfefewa adi sɛ nnwankuo,

na wɔn mmotafowa nso hurihuri.

12Wɔn nne di atweneka ne sankubɔ mu,

na wɔn ani gye abɛnhyɛne ho.

13Wɔhwere wɔn nna nnepa mu,

na wɔsiane kɔ Asamando ntɛm so.

14 Hiob 22.17 Nanso wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Firi yɛn so,

na yɛnhwehwɛ w’akwan ho nimdeɛ.

15Ɛdeɛn ne Otumfoɔ no a yɛnsom no,

na sɛ yɛbɔ no mpaeɛ a, mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya?

16 Hiob 22.18 Nanso hwɛ, ɛnyɛ wɔn ara wɔn nsam na wɔn nnepa wɔ,

abɔnefoɔ agyinatuo mpare me!

17 Hiob 18.5, 12 Mprɛ ahe na abɔnefoɔ kanea dum,

na wɔn mmusuo nso ka wɔn,

na Onyankopɔn kyekyɛ awerɛhoɔ n’abufuo mu?

18 Dwom 1.4 Wɔte sɛ nkyɛnkyɛmma, mframa ano,

ne ntɛtɛ a ahum soa korɔ.

19Moka sɛ: Onyankopɔn kora n’amumuyɛ adeɛ ma ne mma;

ma no ntua ɔno ara ne ka na ɔnhunu.

20 Hiob 20.10; Eks 20.5 Ma n’ani nhunu ne mmusuo,

na ɔnnom Otumfoɔ no abufuhyeɛ no bi.

21Na efie a ɔgya no n’akyire no mfa ne ho hwee bio,

berɛ a n’abosome dodoɔ to atwa no.

22 Ɔsɛ 5.8 Obi bɛkyerɛ Onyankopɔn nhunumu anaa?

Ɔno a ɔbu ɔsorofoɔ no atɛn no.

23Obi wɔ ahoɔden pintinn nanso ɔwu, berɛ a ne ho tɔ no, na n’aso mu dwo no.

24Nufosuo ahyɛ ne nhina amaama,

na ne nnompe mu hon yɛ sɔɔsɔɔ.

25Na ɔfoforɔ nso de ne kra awerɛhoɔ wu

a wanni nnepa no bie.

26 Hiob 3.13, 19 Faako ara dɔteɛ mu na wɔdeda,

na mmoaa kata wɔn so.

27Hwɛ, menim mo adwene

ne adwemmɔne a mowɔ no me ho no,

28sɛ moka sɛ: Ɛhe na bakoma no fie wɔ?

Na ɛhe na ntomadan a abɔnefoɔ tenaa mu no wɔ?

29Mommisaa wɔn a wɔfa ɔkwan no soɔ,

na wɔn nsɛnkyerɛnneɛ nso, monkarii?

30Na wɔakora onipa bɔne de kɔsi sɛeɛ da,

wɔde wɔn kɔ aweretɔ da.

31Hwan na ɔbɛka n’anim, n’abrabɔ ho?

Na deɛ wayɛ no, hwan na ɔbɛtua no ɛso ka?

32Na ɔno deɛ, wɔkɔgya no damena mu,

na wɔwɛn ne damena so ara.

33Bonhwa mu dɔtetoa yɛ no dɛ,

na nnipa nyinaa twe wɔn ho di n’akyi,

na n’anim nso wɔnnim wɔn dodoɔ.

34Na adɛn na mokyekyere me werɛ kwa,

na mo mmuaeɛ yɛ nkontompo ara yi?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help