Nnwom 21 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Aseda mpaeɛ a wɔbɔ ma ɔheneWɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1Ao, AWURADE, wo na ɔhene ani gye wɔ w’ahoɔden mu,

na wo nkwagyeɛ nti hwɛ sɛdeɛ ne ho si sane no fa.

2 Dwom 20.4; 37.4 Deɛ n’akoma pɛ na wode ama no,

na deɛ n’ano bisaeɛ no, woankame no.

3 Dwom 132.18 Na wode papa mu nhyira hyia no,

wode sika amapa abotire bɔ ne ti.

4Ɔbisaa wo hɔ nkwa,

wode ama no, nna a ɛware daa daa.

5N’animuonyam so wo nkwagyeɛ nti,

kɛseyɛ ne anidie na wode ama no.

6Aane, wode no asi hɔ sɛ nhyira nko ara daa,

wode w’anim anigyeɛ gye n’ani.

7Ɛfiri sɛ ɔhene ani da AWURADE so,

na deɛ ɔwɔ sorosoro adɔeɛ nti ɔrenhinhim.

8Wo nsa bɛka w’atamfo nyinaa,

wo nsa nifa bɛnya wɔn a wɔkyiri woɔ.

9Wobɛyi wo ho adi

ayɛ wɔn sɛ ogya fononoo,

AWURADE de n’abufuo bɛmene wɔn,

na ogya ahye wɔn.

10 Dwom 109.13 Wobɛsɛe wɔn aba afiri asase so,

ne wɔn asefoɔ afiri nnipa mma mu.

11 Yes 8.10 Sɛ wɔbɔ wo ho pɔ bɔne na wɔsusu bɔne bi ho a,

wɔrentumi nyɛ.

12 Dwom 7.12 Na wobɛma wɔasane wɔn akyi,

wode wo bɛmma bɛkyerɛ wɔn anim.

13AWURADE, ma wo ho so w’ahoɔden mu,

yɛde adwontoɔ ne sankuo bɛkamfo wo mmaninneɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help