Nnwom 37 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Abɔnefoɔ ahotɔ nkyɛDawid deɛ.

1 Mmb 24.19 Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti,

mma wo bo nnha wo amumuyɛfoɔ ho;

2na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ ɛserɛ,

na wɔakusa sɛ wura mono a wɔatwa.

3 Dwom 37.27, 29 Bata AWURADE ho, na yɛ papa,

tena asase so, na di nokorɛ,

4na ma w’ani nka AWURADE ho,

na wama wo deɛ w’akoma pɛ.

5 1 Pe 5.7 Fa wo kwan hyɛ AWURADE nsam,

na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ,

6 Dwom 97.11; 112.4; Hiob 11.17 na wayi wo tenenee adi sɛ adekyeeɛ,

ne wo bem sɛ owigyinaeɛ.

7 Dwom 73.3 Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no.

Nha wo ho, deɛ ne kwan asi no yie no nti,

onipa a ɔdi ne bo soɔ no nti.

8Ma abufuo ntwa, na gyae bo bɔne yɛ,

nha wo ho, na ɛbɛwie bɔne nko,

9 Dwom 37.11, 22, 29, 34 na wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ,

na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no, wɔn na wɔbɛnya asase no adie.

10 Dwom 37.35 Aka kakraa bi na ɔbɔnefoɔ nni hɔ,

na wɔhwehwɛ ne tenaberɛ a, na ɔnni hɔ.

11 Dwom 37.9; Mat 5.5 Na ahobrɛasefoɔ bɛtena asase no so,

na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.

12Ɔbɔnefoɔ susu ɔteneneeni ho asɛm,

na ɔtwɛre ne se gu ne so,

13 Hiob 18.20 AWURADE sere no,

ɛfiri sɛ wahunu sɛ ne da reba.

14 Dwom 11.2 Abɔnefoɔ atwe nkrantɛ,

na wɔakuntunu wɔn tadua mu

sɛ wɔbɛma ɔmanehunufoɔ ne ohiani ahwe ase,

na wɔaku wɔn a wɔn abrabɔ yɛ:

15Wɔn nkrantɛ bɛwɔ wɔn ara wɔn akoma mu,

na wɔn tadua abubu.

16 Mmb 15.16 Adeɛ kakra a onipa tenenee wɔ no yɛ

sene abɔnefoɔ bebree ahonyadeɛ dodoɔ,

17na abɔnefoɔ abasa bɛbubu,

na AWURADE wowa ateneneefoɔ.

18AWURADE nim wɔn a wɔdi mu no nna,

na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.

19 Dwom 33.19 Wɔn ani renwu berɛ bɔne mu,

na wɔbɛmee, ɛkɔm nna mu.

20 Dwom 68.2 Na abɔnefoɔ deɛ, wɔbɛyera,

na AWURADE atamfoɔ bɛyɛ sɛ ɛserɛ so nhwiren,

wɔbɛhye awie sa sɛ wisie.

21Ɔbɔnefoɔ fɛm, na ɔntua,

na ɔteneneeni hunu mmɔbɔ, na ɔma.

22 Dwom 37.9 Na wɔn a wahyira wɔn na ɛbɛtena asase so,

na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wɔbɛyi wɔn hɔ.

23AWURADE na ɔde onipa anammɔn sisi yie,

na ne kwan sɔ n’ani,

24 Mmb 24.16 sɛ ɔhwe ase a, ɔrentɔ fam tim,

ɛfiri sɛ AWURADE kura ne nsam.

25 Dwom 34.9-10 Mayɛ abɔfra, na afei mabɔ akora,

nanso menhunuu onipa tenenee a wɔapa no

anaasɛ n’asefoɔ resrɛ aduane.

26Ɔhunu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm,

na n’asefoɔ nso yɛ nhyira.

27 Dwom 34.14 Firi bɔne ho na yɛ papa,

na woatena hɔ daa;

28 Dwom 11.7 ɛfiri sɛ AWURADE dɔ atɛntenenee,

na ɔrennya n’ahotefoɔ.

Ɔhwɛ wɔn so daa,

na abɔnefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.

29 Yes 60.21 Ateneneefoɔ bɛtena asase so,

na wɔatena so daapem.

30Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm,

na ne tɛkyerɛma bu atɛntenenee;

31 Dwom 40.8 ne Nyankopɔn mmara wɔ n’akomam,

na ne nan nwatiri.

32 Dwom 10.8-10 Ɔbɔnefoɔ tɛ ɔteneneeni,

na ɔhwehwɛ sɛ ɔku no.

33 Dwom 34.22 AWURADE rennya no ne nsam,

na sɛ wɔbu no atɛn a, ɔremmu no fɔ.

34 Dwom 37.9 Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so,

na ɔbɛma wo so, na woanya asase no atena so;

sɛ wɔhye abɔnefoɔ ase a, wobɛhunu.

35 Hiob 5.3-5; 20.6-7; Hes 31.3-14 Mahunu ɔbɔnefoɔ a ɔdi tumi,

na ɔdennane sɛ dua frɔmm a anya asiyɛ,

36 Dwom 37.10 na obi twaa mu no, na hwɛ, ɔnni hɔ,

na mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

37 Gye 39.8-9 Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ deɛ ɔtene;

sɛ saa onipa no awieeɛ yɛ asomdwoeɛ.

38Na mmaratofoɔ deɛ, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko,

abɔnefoɔ ase deɛ, wɔbɛhye.

39 Dwom 46.1 Na ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi AWURADE,

ɔne wɔn dwanekɔhyɛbea, ahohia da mu.

40 Luka 18.8 Na AWURADE boa wɔn, na ɔgye wɔn,

ɔyi wɔn firi abɔnefoɔ nsam, na ɔgye wɔn nkwa,

ɛfiri sɛ wɔde wɔn ho to ne so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help