Yesaia 17 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Damasko ho atemmusɛm

1 Yer 49.23; Amos 1.3 Damasko ho atemmusɛm.

Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio,

na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo.

2Wɔbɛgya Aroer nkuro,

mmoakuo bɛfa

na wɔbɛbutubutu hɔ,

na deɛ ɔbɛtu wɔn nni hɔ.

3 Yes 7.1, 8 Na wɔbɛsɛe Efraim mu abandenden

ne Damasko ahennie,

na Siria nkaeɛ bɛyɛ

sɛ Israelfoɔ animuonyam no,

asafo AWURADE na ɔseɛ.

Israel ho atemmusɛm

4Ɛda no,

Yakob animuonyam no bɛsua,

na ne honam a adɔre sradeɛ no bɛtwam;

5na ɛbɛyɛ sɛ otwafoɔ buma ayuo a ɛsisi hɔ,

na ɔde ne nsa twa mmɛtem no;

na ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɔdi ayuo mmɛtem mu mpɛpɛwa

wɔ Refaim bonhwa no mu.

6Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi,

sɛ ngodua poreɛ mu

a aba mmienu anaa mmiɛnsa

wɔ ntɛntɛnoa,

nnan anaa nnum

wɔ ne ban a aso yie no soɔ no:

AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ɔseɛ.

7Ɛda no na onipa ani bɛgyina ne yɛfoɔ, na n’ani bɛhwɛ Israel Kronkronni no;

8na ɔrenhwɛ afɔrebukyia a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsateaa ayɛ no, ɔremmu bio.

9Ɛda no na ne nkuro a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifoɔ ne Amorifoɔ nkuro a wɔagya no kwaeɛ mu ne mmepɔ atifi a wɔgyaa no Israelfoɔ anim, na ayeyɛ akurofo.

10 Deut 32.15, 18 Ɛfiri sɛ wo werɛ afiri wo nkwagyeɛ Nyankopɔn,

na w’ahoɔden Botan no, wonkae no;

enti wodua nnua fɛfɛ

na wotɛ ananafoɔ tɛ nnua;

11woma no fifiri da a woduaeɛ no,

na anɔpa a woduaeɛ no ara woma no gu nhyerɛne,

nanso ɛso aba bɛtu akɔ,

amaneɛ ne yea a ɛnni sabea da no.

Amanaman po no huuyɛ

12Aa, aman bebree huuyɛ,

wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ!

Aa, ne aman hooyɛ,

wɔyɛ hoo sɛ nsuo a ɛyɛ den hooyɛ!

13Aman a wɔyɛ hoo sɛ nsuo bebree hooyɛ,

nanso ɔka wɔn anim ma wɔdwane kɔ akyirikyiri,

na wɔti wɔn sɛ mmepɔ so ntɛtɛ, mframa anim,

ne nkyinhyia mfuturo ahum anim.

14 Yes 37.36 Anwummerɛ no, na hwɛ, binimbɔ aba;

adeɛ nnya nkyeeɛ no, na wɔnni hɔ bio:

Yei ne yɛn dwotwafoɔ,

kyɛfa ne yɛn fomfafoɔ adeɛ a wɔnya.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help