1Me sufrɛ mu gye me so, me tenenee Nyankopɔn.
Ahohia mu, woboaa me.
Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.
2Mo mmarima mma, m’animuonyam bɛdane ahohora akɔsi da bɛn?
Mobɛdɔ ade hunu, mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn?
3 Dwom 17.7 Na monhunu sɛ AWURADE ayi ne dɔfo asi hɔ;
mesu mefrɛ AWURADE a, ɔbɛtie.
4 Efe 4.26; Dwom 16.7 Mo bo fu a, monnyɛ bɔne!
Monkasa mo akoma mu wɔ mo daberɛ, na monyɛ komm.
5 Dwom 51.17, 19 Mommɔ tenenee afɔdeɛ,
na momfa mo ho ntwere AWURADE.
6 Num 6.25-26 Nnipa bebree bisa sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛahunu papa?
AWURADE, te w’anim ma no nhran yɛn so.
7Wode anigyeɛ ahyɛ m’akomam asene
berɛ a wɔn aburoo ne wɔn nsa dɔɔso no.
8 Lew 26.6; Dwom 3.5 Asomdwoeɛ mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko,
na wo, AWURADE, nko ara na woma metena hɔ dwoodwoo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
