Nnwom mu dwom 3 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔdɔfoɔ no nokorɛdie

1 Nmd 5.6 Me mpa so, ɔdasuo mu

na mehwehwɛɛ deɛ me kra dɔ no no,

mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

Mefrɛɛ no, nanso wamma mmuaeɛ biara.

2Yei deɛ, mɛsɔre makyini kuro mu,

mmɔntene so ne dwamu.

Mɛhwehwɛ deɛ me kra dɔ no no.

Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

3Awɛmfoɔ a wɔkyini kuro mu bɛtoo me:

Deɛ me kra dɔ no no, mohunuu no anaa?

4 Nmd 8.2 Mesianee wɔn ho kakra ara pɛ no,

ɛnna mehunuu deɛ me kra dɔ no no.

Mesɔɔ ne mu na mannyaa ne mu

kɔsii sɛ mede no mebaa me na fie

ne deɛ ɔwoo me no pia mu.

5 Nmd 2.7 Meka mo ntam, Yerusalem mmammaa,

atwewa ne petee mu aforotebereɛ ho ntam,

sɛ monnnyane na monnhwanyane ɔdɔ

kɔsi berɛ a ɔno ara pɛ.

6Hwan ne oyi a ɔforo firi ɛserɛ so ba

sɛ wisie a ɛsɔre tee,

kurobo ne ohwamfufuo

ne odwadini nnuhwam nyinaa apunu no yi?

7Hwɛ, Salomo apakan no!

Nnɔmmarima aduosia atwa ho ahyia,

wɔfiri Israel nnɔmmarima mu.

8Wɔn nyinaa kurakura mfena,

wɔakwadare akodie mu,

wɔn mfena bobɔ wɔn asene,

anadwo bumbɔ nti.

9Ɔhene Salomo de Lebanon nnua

yɛɛ apakan fɛfɛɛfɛ fae.

10Ɔyɛɛ n’adum dwetɛ,

ne ntweremu sika, n’adwa yɛ ntoma a ɛberedum,

emu nso, Yerusalem mmammaa de ɔdɔ adura mu.

11O Sion mmammaa, momfiri adi

mmɛhwɛ Ɔhene Salomo,

abotire a ne na de bɔɔ no,

ne yere hyia da

ne n’akoma anigyeɛ da no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help