1 Hiob 31.35 Na AWURADE firi ahum no mu buaa Hiob sɛ:
2 Hiob 34.35 Hwan ne deɛ ɔbiri afotuo ani,
nsɛm a emu nni nimdeɛ mu yi?
3 Hiob 40.7 Bɔ w’asene sɛ ɔbarima ɛ,
na memmisa wo, na kyerɛ me.
4Ɛhe na na wowɔ berɛ a metoo asase fapem?
Sɛ wowɔ nhunumu a, ka ɛ!
5Hwan na ɔde ne nsusuiɛ too hɔ, wonim anaa?
Anaasɛ hwan na ɔsaa so homa?
6Ɛdeɛn so na wɔde ne nnyinasoɔ siiɛ,
anaa hwan na ɔde ne tweatiboɔ toeɛ,
7berɛ a adekyeeɛ nsoromma boom too ahurisie dwom,
na Ɔsoro dɔm nyinaa bɔɔ ose no?
8Na hwan na ɔkaa ɛpo hyehyɛɛ apono mu,
berɛ a ɛfiri asaseyam pueeɛ,
9na mede mununkum meyɛɛ ne nkataho,
ne sum kabii nso meyɛɛ n’aboomu,
10 Mmb 8.29 na metwaa ne so hyeɛ,
na mesisii adaban ne apono,
11 Dwom 104.8-9 na mekaa sɛ: Ɛha yi na bra bɛduro, na ntra so,
na ɛha ara na w’asorɔkyeɛ ahantan mmeso no?
12Ɛfiri wo nna mfitiaseɛ woahyɛ anɔpa so pɛn,
woakyerɛ adekyeeɛ nso ne diberɛ,
13sɛ ɛnsɔ asase mmuano mu,
na wɔmporepore abɔnefoɔ mfiri so?
14Sɛ ɛnnane sɛ daagyere nsɔano ase
na ɛnyɛ sɛ atadeɛ a wɔahyɛ no aduro,
15na wɔde abɔnefoɔ hann akame wɔn,
na nsa a wɔama soɔ no, wɔabu mu?
16Woakɔ ɛpo aniwa ho,
na woanante bunu donkodonko ase?
17Wɔayi owuo aponkɛseɛ adi akyerɛ wo,
anaasɛ woahunu esum kabii aboboɔ no?
18Woahunu asase trɛ mu anaa?
Sɛ wonim ne nyinaa a, ka ɛ!
19Ɛhe na hann tenabea kwan wɔ,
na esum nso, n’afa wɔ he?
20Na wode akɔ ne hyeɛ so,
na woahunu ne fie akwan no.
21Wonim, aane, ɛfiri sɛ saa berɛ no na wɔawo wo,
na woadi nna bebree!
22Woakɔ sukyerɛmma korabea,
anaa woahunu asukɔtweaa akoradeɛ no,
23 Yos 10.11 adeɛ a makora asie ahohiahia berɛ
ne ɔko ne akodie da no?
24Ɛhe na ɔkwan a hann nam so hyerɛnhyerɛn no wɔ,
ne deɛ apueeɛ mframa fa so bɔ asase soɔ no nso wɔ?
25 Hiob 28.26 Hwan na ɔyiyi aka ma osuo
ne ɔkwan ma aprannaa asraman no,
26sɛ ɔbɛma osuo atɔ asase a obi nni hɔ soɔ,
ne anwea pradada a onipa bi nni soɔ so,
27na wama amamfo ne asase hunu ameeɛ,
na wama wira a ɛfuo no afefɛ?
28Osuo wɔ agya,
anaasɛ hwan na ɔwo obosuo a ɛsosɔ?
29 Dwom 147.9 Hwan yam na nsuo nkyenkyeneeɛ fire,
na ɔsoro bosuo a akyenkyen no, hwan na ɔwoeɛ?
30Nsuo kyenkyen sɛ ɔboɔ,
na ebunu donkodonko ani pam.
31 Hiob 9.9 Wobɛtumi akyekyere Akokɔbaatan-ne-ne-mma homa mu,
anaasɛ wobɛtumi asane Nwenwenente nhoma?
32Wobɛtumi ayi Owiakwanmu nsoromma adi wɔ ne berɛ mu,
anaasɛ wobɛtumi akyerɛ Sisire nsoromma ne ne mma kwan?
33Wonim ɔsoro nhyehyɛɛ,
anaa wobɛtumi ahyehyɛ sɛdeɛ ɛnni asase soɔ?
34Woma wo nne so kɔ mununkum mu
sɛ nsuo pii mmɛkata wo ho anaa?
35Wobɛtumi asoma anyinam ama no akɔ,
na aka akyerɛ wo sɛ: Yɛn nie! anaa?
36Hwan na ɔde nyansa siee ayamdeɛ mu,
anaasɛ hwan na ɔde nhunumu maa adwene?
37 Gye 7.11 Hwan na ɔde nyansa kan mununkum,
na ɔsoro nkotokuo no, hwan na ɔdane no
38ma mfuturo pia kɔbɔ dosie,
na dɔteɛ bɔ ntoantoa?
39Wo na woyɛ ha ma gyatabereɛ nya nam,
anaa woma agyataburuwa meeɛ,
40 Hiob 37.8 ɛberɛ a wɔbutubutu wɔn atu mu,
na wɔtete adɔtɔ mu retɛ?
41 Dwom 147.9 Hwan na ɔsiesie aduane ma anene,
ɛberɛ a ne mma su frɛ Onyankopɔn,
wɔkyini na wɔnni aduane no?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.