1 Yohane 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Daa nkwa da adi wɔ Yesu mu

1 Yoh 1.1; 1.14 Deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ, deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ, wɔ nkwa asɛm no ho,

2Yoh 1.4 na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahunu, na yɛdi ho adanseɛ, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na ɛyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,

3deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛka kyerɛ mo nso, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo na ɛwɔ.

4Yoh 15.11; 16.24 Yɛtwerɛ yeinom brɛ mo, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ.

Hann mu asetena ne bɔneka

5 Yak 1.17 Na kaseɛ a yɛtee no ne nkyɛn na yɛrebɔ mo yi ne sɛ: Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu koraa.

61 Yoh 2.4 Sɛ yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na yɛnam sum mu a, yɛdi atorɔ, na yɛnnante nokorɛ mu.

7Heb 9.14; Adi 1.5; 7.14 Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntɛm, na ne Ba Yesu mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa mu.

8Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu.

9Mmb 28.13 Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.

10Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma no dane ɔtorofoɔ, na n’asɛm no nni yɛn mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help