1Na wɔduruu ɛpo no agya, Gerasefoɔ asase so.
2Na ɔfirii kodoɔ mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi firi abodan mu wɔ asieeɛ hyiaa no;
3ɔno na ɔde aboda no mu ayɛ ne tenaberɛ. Na obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo nkyekyere no bio.
4Na wɔtaa de no to mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, nanso ɔtete nkɔnsɔnkɔnsɔn no bubu mpokyerɛ no mu; na obiara ntumi nnwodwo no.
5Na daa, awia ne anadwo, ɔwɔ aboda mu ne mmepɔ so teateam, na ɔde aboɔ twitwa ne ho.
6Na ɔhunuu Yesu wɔ akyirikyiri no, ɔtuu mmirika bɛkotoo no,
7
35Ɔgu so rekasa no, wɔfiri hyiadan mu panin no fie ba bɛkaa sɛ: Wo babaa no awu; adɛn na woda so ha ɔkyerɛkyerɛfoɔ no?
36Na Yesu tee asɛm a wɔreka no, ɔsee hyiadan mu panin no sɛ: Nsuro, na gye di ara.
37Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro, Yakobo ne Yakobo nua Yohane.
38Na ɔduruu hyiadan mu panin no fie no, ɔbɛhunuu nnipa a wɔreyɛ gyegyeegye ne wɔn a wɔresu, na wɔreyɛ hoo pii.
39Yoh 1.1, 11 Na ɔhyɛnee hɔ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ gyegyeegye na moresu? Abɔfra no nwui, wada.
40Na wɔseree no. Na Yesu pamm wɔn nyinaa, na ɔfaa abɔfra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ faako a abɔfra no da hɔ.
41Luka 7.14 Na ɔsɔɔ abɔfra no nsa see no sɛ: Talita, Kumm! Aseɛ ne sɛ: Abaayewa, mese wo sɛ: Nyane!
42Na ntɛm ara abaayewa no sɔree na ɔnantee; (na wadi mfirinhyia dummienu). Na wɔn ho dwirii wɔn kɛse.
43Na ɔhyɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkaa sɛ wɔmma no biribi nni.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
