1 Num 25.1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa.
2Na nnansa wiee duro no, ahwɛfoɔ no kyinii nsraban no mu,
3kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ mohunu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso no a, mo nso montu mfiri deɛ mowɔ, na monni akyire;
4nanso monsusu ɔkwan bɛyɛ sɛ basafa apem nto mo ne no ntam, mommmɛn no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na moahunu kwan ko a mobɛfa soɔ, ɛfiri sɛ momfaa ɔkwan yi so pɛn.
5Eks 19.10 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monte mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ mo mu anwanwadeɛ.
6Yos 6.6 Na Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Monsoa apam adaka no nsene nni ɔman no anim. Na wɔsoaa apam adaka no dii ɔman no anim.
7 Yos 4.14; 1.5, 17 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mayɛ wo kɛseɛ Israel nyinaa ani soɔ, na wɔahunu sɛ, sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire.
8Na wo deɛ, hyɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ moduru Yordan nsuo no ano a, monnyina Yordan mu.
9Na Yosua ka kyerɛɛ Israel mma no sɛ: Montwe mmra ha, na montie AWURADE mo Nyankopɔn nsɛm.
10Ɛnna Yosua kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no wɔ mo mu, na pamo na ɔbɛpamo Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Hewifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri mo anim.
11Hwɛ, asase nyinaa wura apam adaka no redi w’anim akɔ Yordan mu.
12Na afei momfa mmarima dummienu mfiri Israel mmusuakuo no mu, abusuakuo biara mu nipa baako.
13Na sɛ asɔfoɔ a wɔso AWURADE, asase nyinaa wura adaka no anammɔn ka Yordan nsuo no ara pɛ a, Yordan mu nsuo a ɛresiane firi atifi ba no bɛtwa, na abɔ kuo agyina hɔ.
14Na ɔman no tu firii wɔn ntomadan mu sɛ wɔrekɔtwa Yordan, na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no dii ɔman no anim,
15na wɔn a wɔso adaka no duruu Yordan ano, na asɔfoɔ a wɔso adaka no nan sii nsuo no mu ara pɛ, (nso na Yordan yiri kata ne nsunoa nyinaa ayutwaberɛ nna nyinaa),
16Eks 14.21; Dwom 114.3 ɛnna nsuo a ɛfiri atifi ba no gyina bɔɔ kuo baako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsuo a ɛsiane kɔ mpaperɛ mu po a ɛne Nkyene-po no mu no twa wiee koraa. Na ɔman no twae, Yeriko ntentensoɔ.
17Na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no gyinaa asase pɛsɛɛ so Yordan mfimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase pɛsɛɛ so twa de kɔsii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.