Yeremia 31 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Israel ne Yuda daakye apam

1 Yer 31.33; 24.7 Ɛberɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, mɛyɛ Israel mmusua no nyinaa wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.

2Sɛ AWURADE seɛ nie:

Ɔman a wɔafiri mu afiri afena ano

no anya adom ɛserɛ so;

berɛ a na Israel rehwehwɛ ahome no.

3AWURADE ama mahu no akyirikyiri.

Na daa dɔ na mede madɔ woɔ,

enti na matwe wo adɔeɛ soɔ.

4Mɛsi wo bio, na woasi hɔ, O Israel baabunu;

wobɛhyehyɛ wo mpintin aduradeɛ bio,

na woafiri adi, agofoɔ asa mu.

5Wobɛtɛ bobe nturo

wɔ Samaria mmepɔ so bio;

atɛfoɔ bɛtɛ,

na wɔbɛdi so aba nso.

6Na ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfoɔ bɛteam

wɔ Efraim kuro bepɔ so sɛ:

Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion,

AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn.

7Na sɛ AWURADE seɛ nie:

Monto Yakob ho ahurisie dwom,

mommɔ ose mma amanaman sodifoɔ no.

Momma wɔnte, monyi ayɛ, na monka sɛ:

AWURADE, gye wo man,

Israel nkaeɛ no nkwa.

8 Yes 35.8-10 Hwɛ, mede wɔn mefiri atifi fam asase so mereba,

na makɔboa wɔn ano afiri asase ano tɔnn;

wɔn mu anifirafoɔ ne mpakye,

apemfoɔ ne mmaatan nyinaa wɔ mu bi;

asafo yuu na wɔbɛsane aba.

9 2 Ko 6.18 Wɔde esu ne nkotosrɛ bɛba,

na mɛdi wɔn anim

de wɔn akɔ asutene ho,

ɔkwan tee a wɔrensunti wɔ soɔ;

na mayɛ Israel agya,

na Efraim ne m’abakan.

10Montie AWURADE asɛm, O amanaman,

na monka no akyirikyiri nsuano aman so

sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano,

na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.

11Na AWURADE agye Yakob,

na wayi no afiri deɛ ɔyɛ den sene no nsam.

12 Yes 58.11 Na wɔbɛba abɛto ahurisie dwom, Sion sorɔnsorɔnbea hɔ,

na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho,

aduane ne nsa ne ngo

ne nnwammaa ne anantwie ho,

na wɔn asetena ayɛ sɛ turo a anya nsuo pii,

na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio.

13Ɛno na mmammaa ani bɛgye asa mu,

na mmeranteɛ ne nkɔkoraa abom anya anigyeɛ;

na mɛdane wɔn abooboodie ahosan,

na makyekyere wɔn werɛ, na mama wɔn ani agye afiri wɔn awerɛhoɔ mu.

14Na mɛma sradeɛ amee asɔfoɔ no kra,

na me man adi me nnepa ameemee, AWURADE asɛm nie.

15 Mat 2.18 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Wɔte nne bi Rama,

agyaadwotwa ne esu yaya.

Rahel resu ne mma,

na ɔmpene sɛ wɔkyekyere ne werɛ ne mma ho,

ɛfiri sɛ wɔnni hɔ.

16Sɛ AWURADE seɛ nie:

Mua w’ano, na woansu,

ne w’ani nso, na ampore nisuo,

na w’adwuma so akatua wɔ hɔ,

AWURADE asɛm nie,

na wɔbɛsane afiri ɔtamfoɔ asase no so;

17na anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye,

AWURADE asɛm nie,

wo mma bɛsane aba wɔn asase so bio.

18Teɛ na mate mmom, sɛ Efraim redi abooboo sɛ:

Woatwe m’aso, na m’aso atwe nso,

sɛ nantwie ba a wɔnkyerɛkyerɛɛ no.

Dane me, na madane aba,

na wo, AWURADE, ne me Nyankopɔn.

19Na me nsaneakyire akyi mesakyerae,

na manya mahunu me ho yi, mebɔ me srɛ so;

m’ani awu, na masopa mpo,

ɛfiri sɛ mɛsɔ me mmeranteberɛ mu ahohora.

20 Yes 49.15; Hos 11.8 Efraim yɛ me ɔdɔ ba?

Anaa abotɔyam ba?

Sɛ dodoɔ ara a mekasa mekyerɛ no yi,

nkaeɛ ara na meda so mekae no?

Ɛno nti na me nsono mu twitwa ma no,

ɔno ho hyehyeɛ na me yam hyehye me ma no,

AWURADE asɛm nie.

21Hyɛ ɔkwan no nso fa,

sisi kwankyerɛ adum fa,

fa w’akoma si ɔtempɔn,

ɔkwan a wofaa soɔ no so.

Sane bra, O Israel baabunu,

sane bra wo nkuro yi mu.

22Wobɛwɔ ntwɛtwɛdɛ akɔsi da bɛn,

O ɔbabaa akyirisanfoɔ?

Na AWURADE abɔ ade foforɔ, asase so,

ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.

23Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Menya mede wɔn nnommum mesane ba a, wɔbɛsane aka asɛm yi Yuda asase so ne ne nkuro mu sɛ:

AWURADE ahyira wo, tenenee tenabea,

O bepɔ kronkron.

24Na Yuda ne ne nkuro nyinaa bɛbom atena mu, akuafoɔ ne wɔn a wɔne mmoakuo di atutena.

25Mat 11.28 Na mɛma ɔkra a watɔ bera ani so atete no, na mama akra a wɔatɔ piti nyinaa amee.

26Yei so na menyaneeɛ, na mehwɛe, na me nna no tee me dɛ mu.

27Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛdua Israel fie ne Yuda fie mama nnipa ase ne mmoa ase akyene.

28Na sɛdeɛ m’ani saa wɔn sɛ mɛtutu na mabubu na madwiri na masɛe na mayɛ no bɔne no, saa ara na m’ani bɛku wɔn ho sɛ mɛsi na madua, AWURADE asɛm nie.

29Kwa 5.7; Hes 18.2 Nna no mu no, wɔrenka bio sɛ:

Agyanom adi abuntwerɛ,

na mma se afem.

30Na mmom obiara, ɔno ara n’amumuyɛ nti na ɔbɛwuo; onipa biara a ɔtwɛre abunu no na ne se bɛfem.

31 Heb 8.8-12 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ me ne Israel fie ne Yuda fie bɛpam apam foforɔ.

32Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamm da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn firii Misraim asase soɔ a wɔn deɛ, wɔbubuu m’apam, berɛ a meyɛ wɔn kunu no, AWURADE asɛm nie.

33Rom 11.27; Yes 54.13; Heb 10.16-17; Yer 31.1 Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, AWURADE asɛm nie: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn yam, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.

34Yer 33.8; Yes 43.25 Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE, na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.

35Sei na AWURADE

a ɔma owia haran awia

na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma ma no haran anadwo

na ɔnu ɛpo mu ma n’asorɔkyeɛ huru

a ne din de asafo AWURADE no seɛ:

36 Yer 33.25; Rom 11.1 Sɛ ahyɛdeɛ ahodoɔ yi sene firi m’ani so a, AWURADE asɛm nie,

ɛno ansa na Israel asefoɔ nso bɛgyae

ɔman yɛ, m’anim daa nyinaa.

37Sɛ AWURADE seɛ nie:

Sɛ wɔtumi susu soro atifi,

na wɔtumi bɔre asase nnyinasoɔ hunu wɔ fam a,

ɛno ansa na me nso mɛpo Israel asefoɔ nyinaa,

deɛ wɔayɛ no nyinaa nti,

AWURADE asɛm nie.

38 Sak 14.10 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔbɛkyekyere kuro no ama AWURADE afiri Hananel abantenten ho akɔsi ntweaso ponkɛseɛ soɔ,

39na susuhoma no bɛfiri hɔ ara afa ne ntentensoɔ afiri adi akɔduru Gareb kokoɔ so, na adane akɔ Goa,

40na afunu ne nso bonhwa no nyinaa ne nsasewa a ɛkɔduru asuo Kidron ho nyinaa, kɔsi apɔnkɔ ponkɛseɛ ntweasoɔ wɔ apueeɛ no bɛyɛ kronkron ama AWURADE. Wɔrentutu na wɔrennwiri da biara da bio.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help