Yosua 5 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

1 de bɛsi nnɛ yi ara.

10 Eks 12.6; Lew 23.5 Na Israelfoɔ no kyeree nsraban Gilgal, na wɔdii Twam no, bosome no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Yeriko mpaperɛ so.

11Na Twam no akyi, adeɛ kyeeɛ no, da no ara, na wɔdii asase no so aduane, apiti ne nkyeweɛ.

Nyankopɔn bɔfoɔ no

12 Eks 16.35 Na mana no to twae firi da a wɔdii asase no so aduane no, adeɛ kyeeɛ, na Israelfoɔ no annya mana bio, na wɔdii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ afe no ara mu.

13 Num 22.23, 31 Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentensoɔ kura nkrantɛ a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Wowɔ yɛn afa anaa yɛn atamfoɔ afa?

14Eks 14.19 Na ɔse: Dabi, na afei na maba sɛ AWURADE dɔm so safohene. Na Yosua de n’anim butuu fam sɔree no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na me wura reka akyerɛ n’akoa?

15Eks 3.5 Na AWURADE dɔm so safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi wo mpaboa firi wo nan, na deɛ wogyina hɔ yɛ kronkron. Na Yosua yɛɛ saa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help