1 Deut 14.2-21 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron see wɔn sɛ:
2Gye 7.2; Aso 10.14-15; Kol 2.16; 1 Ti 4.4 Monkasa nkyerɛ Israelfoɔ sɛ: Yeinom ne mmoa a monni wɔ asase so mmoa nyinaa mu:
3Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apaeɛ na wɔn tɔte mu apae koraa, na wɔpu deɛ wɔadie wesa no, ɛno na monnie.
4Yeinom nko na monnnie, wɔn a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apaeɛ: Yoma, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, enti ne ho nte mma mo;
5ne atwaboa, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho nte mma mo;
6ne adanko, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho nte mma mo;
7ne prako, ɛfiri sɛ ne tɔte mu apae koraa deɛ, nanso ɔmpu nwesa, ne ho nte mma mo.
8Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho nte mma mo.
9Yei ne deɛ monnie deɛ ɛwɔ nsuo mu nyinaa mu: Deɛ ɛwɔ ntɛtɛ ne abon, nsuo mu, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ɛnonom na monnie.
10Na biribiara a ɛnni ntɛtɛ ne abon, ɛpo ne nsuwansuwa mu, adeɛ a ɛwɔ nsuo mu nyinaa a nkwa wɔ mu nyinaa, ɛyɛ akyiwadeɛ ma mo.
11Na ɛnyɛ mo akyiwadeɛ, monnni wɔn nam, na wɔn afunu nso, monkyi.
12Adeɛ biara a ɛnni ntɛtɛ ne abon wɔ nsuo mu no yɛ mo akyiwadeɛ.
13Na yeinom na monkyire ntuboa mu; monnni, wɔyɛ akyiwadeɛ: Ɔkɔdeɛ, ɔkɔrewa, ɔkomfufuo,
14ɔkompɛtɛ, asansa, sɛdeɛ wɔn su teɛ,
15ne anene ahodoɔ nyinaa,
16sohori, anadwo-akorɔma, ɛpo so asomfenakatakyi, akorɔma, sɛdeɛ wɔn su teɛ,
17ne patubiaa, ɛpo so anene, patukɛseɛ,
18bakanoma, nantwinoma, ɔpɛtɛ,
19sukɔnkɔn, asukɔnkɔn ahodoɔ, asɔkwaa ne apan.
20Ntuboa manyamanya a wɔnante nan nnan so nyinaa nyɛ akyiwadeɛ mma mo.
21Nanso yeinom na monnie ntuboa nyinaa a wɔnante nan nnan soɔ nyinaa mu, wɔn a wɔwɔ aprɛ mmienu wɔ wɔn nan soɔ a wɔde hurihuri asase so no;
22wɔn mu deɛ monnie nie: Ntutummɛ ahodoɔ, nketekyire ahodoɔ, mfuntie ahodoɔ, mmɛbɛ ahodoɔ.
23Na ntuboa manyamanya a wɔwɔ nan nnan nyinaa yɛ akyiwadeɛ ma mo.
24Lew 5.2; 14.46 Na yeinom na mode gu mo ho fi; obiara a ɔka wɔn afunu no ho nte kɔsi anwummerɛ.
25Na obiara a ɔsoa wɔn afunu no, ɔnsi ne ntadeɛ, ɛfiri sɛ ne ho nte kɔsi anwummerɛ.
26Ntɔteboa a wɔn tɔte mu apaeɛ, nanso emu nwie paeɛ na wɔmpu nwesa no nyinaa ho nte mma mo; obiara a ɔka wɔn no, ne ho nte.
27Na mmoa a wɔnam nan nnan soɔ nyinaa mu wɔn a wɔnam wɔn nsa ne wɔn nan mu no, wɔn ho nte mma mo; obiara a ɔka wɔn funu no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.
28Na deɛ ɔsoa wɔn funu bi no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; wɔn ho nte mma mo.
29Na mmoa a wɔwea asase soɔ mu wɔn a wɔn ho nte mma mo nie: Ahweaa, akura, ne nkoterɛ ahodoɔ;
30ne hwinamanhwan, ɔmampam, ɔkoterɛ, bɔmɔte ne abosomakoterɛ.
31Yeinom ne wɔn a wɔn ho nte mma mo, mmoa a wɔwea nyinaa mu; sɛ wɔwu a, obiara a ɔka wɔn no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.
32Na adeɛ biara a wɔn mu bi awu atɔ soɔ no, ɛho nte: Dua adeɛ biara oo, atadeɛ oo, nwoma oo, awere oo, adeɛ biara a wɔde yɛ adwuma; wɔmfa nhyɛ nsuo mu, na ɛho nte kɔsi anwummerɛ ansa na ɛho ate.
33Na kukuo biara a wɔn mu bi bɛhwe mu no, deɛ ɛwɔ mu nyinaa ho nte, na kukuo no nso mommɔ no.
34Aduane a wɔdie biara a nsuo no bi bɛgu mu no ho nte, na anonneɛ biara a wɔnom adeɛ biara a ɛte saa mu no ho nte.
35Na adeɛ biara a wɔn funu ho biribi bɛhwe soɔ, ɛho nte: Fononoo oo, bukyia oo, wɔmmubu: Ɛho nte, na mommu no sɛ ɛho nte.
36Nanso nsuo aniwa anaa abura a nsuo wɔ mu deɛ, ɛho te ara; na biribiara a ɛka wɔn funu no, ɛho nte.
37Na sɛ wɔn funu bi hwe kuadeɛ a wɔdua biara so a, kuadeɛ no ho te;
38na sɛ wɔde nsuo gu kuadeɛ no so na wɔn afunu bi hwe so a, ɛho nte mma mo.
39Na sɛ mmoa a modie no bi wu a, deɛ ɔka ne funu no ho nte kɔsi anwummerɛ.
40Eks 22.31 Na deɛ ɔdi ne funu no bie no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na deɛ ɔsoa ne funu no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.
41Na adeɛ biara a ɛwea fam yɛ akyiwadeɛ, monnni.
42Adeɛ biara a ɛnam yafunu soɔ ne adeɛ biara a ɛnam nan nnan so kɔsi adeɛ biara a ɛwɔ nan bebree soɔ, wɔn a wɔwea fam nyinaa mu no, monnni, ɛfiri sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ.
43Monnyɛ mo ho akyiwadeɛ wɔ mmoa a wɔwea no biara ho, na monnyɛ mo ho fi a ɛmma mo ho nteɛ wɔ wɔn ho.
44Lew 19.2 Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti monte mo ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum, adeɛ biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho.
45Lew 20.26 Na mene AWURADE a meyii mo Misraim asase so sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no; enti monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron.
46Yei ne aboa biara a wɔwɔ nsuo mu ne nnomaa ne aboa biara a wɔwea fam nyinaa ho mmara,
47sɛ wɔmfa mpae adeɛ a ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ mu, ne mmoa a wɔdie ne mmoa a wɔnnie mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.