Nnwom 26 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyankopɔn fam ahoteɛDawid deɛ.

1AWURADE, bu me bem,

na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra,

na mede me ho metoo AWURADE soɔ, manwatiri.

2 Dwom 17.3 AWURADE, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ,

nane me sawa ne m’akoma.

3Na w’adɔeɛ wɔ m’ani so,

na menam wo nokorɛ mu.

4 Dwom 1.1 Me ne nnipa huhuo antena,

na me ne nyaatwomfoɔ anhyia mu.

5Metane nnipa bɔne dwabɔ,

na me ne nnebɔneyɛfoɔ ntena.

6 Dwom 122 Mɛhohoro me nsa, bemdie mu,

na matwa w’afɔrebukyia ho mahyia, AWURADE,

7sɛ merema wɔate m’aseda dwom,

na maka w’anwanwadeɛ nyinaa.

8 Dwom 27.4 AWURADE, medɔ wo fie tenabea

ne faako a w’animuonyam teɛ.

9Nhwim me kra nka nnebɔneyɛfoɔ ho,

anaasɛ me nkwa nka mogyapɛfoɔ ho nkɔ.

10Wɔn na mmusuo hyɛ wɔn nsam,

na kɛtɛasehyɛdeɛ ayɛ wɔn nifa ma.

11Na me deɛ, pɛyɛ mu na mebɔ me bra:

Gye me, na hu me mmɔbɔ.

12 Dwom 22.22 Me nan gyina deɛ ɛhɔ da fam,

asafo ahyiaeɛ mu na mɛhyira AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help