2 Korintofoɔ NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUPaulo twerɛɛ ne krataa a ɛtɔ so mmienu no kɔmaa Korintofoɔ berɛ a na ayɔnkofa a ɛda ɔne Korinto asafo no ntam nyɛ papa. Na asafo no mu nnipa bi asɔre atia Paulo, nanso na ɔpere hwehwɛ sɛ ɔbɛsiesie wɔn ntam. Ɔkaa nso sɛ, ɛbɛyɛ no anigyeɛ sɛ yei bɛba mu.Ɔfa a ɛdi kan wɔ krataa no mu no, Paulo kyerɛkyerɛ ayɔnkofa a na ɛda ɔno ne Korinto asafo no ntam no mu. Ɔkyerɛɛ mu sɛnti a ɔkasaa denden so kyerɛɛ wɔn a wɔkasa tiaa no na wɔsɔre tiaa no wɔ asafo no mu. Ɔkasa kyerɛɛ anigyeɛ a wanya afiri ne kasa denden a ɔkasaeɛ na awie wɔn adwensakyera ne nkabom. Ɛno akyi ɔsrɛɛ asafo no sɛ wɔmfiri wɔn yam nyi bi mfa mmoa Kristofoɔ a biribi ahia wɔn wɔ Yudea no. Ti a ɛdi awieeɛ no mu, Paulo yi ne ho ano sɛ ɔyɛ ɔsomafoɔ. Ɔde yi ne ho ano sɛ nnipakuo ketewa bi a ɛwɔ Korinto no ka sɛ Paulo nyɛ ɔsomafoɔ papa na mmom wɔn na wɔyɛ nokorɛ asomafoɔ.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-11Paulo ne asafo a ɛwɔ Korinto no 1.12—7.16Ntoboa a ɔde rekɔma Akristofoɔ wɔ Yudea 8.1—9.15Paulo anoyie wɔ n’asomafoyɛ tumi ho 10.1—13.10Awieeɛ 13.11-14
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help