1Mene ɔbarima a wahunu amaneɛ,
n’anibereɛ abaa no ano.
2Waka me de me kɔ sum mu,
deɛ hann nnie;
3me nko me so na ɔdane ba,
ɔdane ne nsa ba me so daa nyinaa.
4Wama me honam ne me wedeɛ ayɛ afo,
wabubu me nnompe mu.
5Wato fasuo afa me ho,
na ɔde borɔ ne ɔbrɛ atwa me ho ahyia.
6 Dwom 143.3 Ɔde me atena sum mu,
sɛ tete nteredee awufoɔ.
7 Hiob 19.8 Wato me ho ban, na mentumi mfiri adi,
wama me nkɔnsɔnkɔnsɔn ayɛ duru;
8 Dwom 22.2; 69.3 nso sɛ meteam na mesu mefrɛ no a,
ɔsi me mpaebɔ kwan;
9ɔde aboɔ a wɔatwa ayɛ m’akwan mu fasuo,
wakyeakyea m’akwan.
10 Hiob 10.16 Ɔyɛ me sisire a ɔtɛ,
ne tasuo mu gyata;
11wahima m’akwan atete me mu,
wayɛ me pasaa.
12Wakuntunu ne tadua mu
na ɔde me asi hɔ sɛ botaeɛ ama agyan;
13wama ne kotokuo mu agyan
ahyɛne m’akoma mu.
14 Hiob 30.9 Mayɛ me man nyinaa asereseredeɛ
ne wɔn dwom daa daa nyinaa.
15Wama ade nwononwono ara nko amee me,
wama ɔnwono abo me.
16Wama me se awe mmosea,
wabrɛ me ase ahyɛ nso mu.
17Woasum me kra afiri asomdwoeɛ ho,
me werɛ afiri sɛdeɛ ahotɔ teɛ,
18na mese: M’anidasoɔ ne deɛ mehwɛ
AWURADE kwan wɔ ho no ayera!
19Kae m’amaneɛ ne m’ahometeɛ,
ɔnwono ne borɔ no.
20Me kra kae daa,
na abrɛ ase me mu.
21Mede yei mehyɛ m’akoma mu,
yei ho na mɛtwɛn ara:
22 Neh 9.31 Ɛyɛ AWURADE adɔeɛyɛ nti na yɛnwiee sa,
na ne mmɔborɔhunu to ntwae.
23Ɛyɛ foforɔ daa anɔpa,
wo nokorɛdie dɔɔso.
24 Dwom 16.5; 73.26 Me kra se: AWURADE ne me kyɛfa,
ɛno nti m’ani da ne so ara.
25AWURADE yɛ ma wɔn a wɔhwɛ no kwan,
ma ɔkra a ɔhwehwɛ n’akyiri kwan no.
26 Rom 12.12 Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm
twɛn AWURADE nkwagyeɛ;
27ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua
ne mmeranteberɛ mu.
28Sɛ ɔde to ne so a,
ma ɔno nko ara ntena ase, na ɔnyɛ komm;
29ma no mfa n’ano mmutu dɔteɛ mu,
ebia na anidasoɔ bi wɔ hɔ;
30ma no mfa n’afono mma deɛ ɔbɔ no,
ma ahohora mmee no.
31Na AWURADE rento ntwene daa,
32 Yes 54.8 na sɛ ɔhyɛ wo awerɛhoɔ mpo a, ne yam hyehye no,
sɛdeɛ n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ;
33ɛfiri sɛ ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛhyɛ obi yea
anaa ɔbɛha nnipa mma.
34Obi pɛkyɛ asase so nneduafoɔ nyinaa
ne nan ase,
35obi bu obi ntɛnkyea,
ɔsorosoroni no anim,
36obi dane obi asɛm ani a,
AWURADE mpene so saa!
37 Yes 45.7; Amos 3.6 Hwan na ɔka na ɛba mu,
berɛ a AWURADE nhyɛeɛ?
38Ɛnyɛ ɔsorosoroni no anomu
na mmusuo ne papa fire?
39Adɛn nti na onipa a ɔte aseɛ di amaneɛ ho abooboo,
ɔbarima a ɔte ne bɔne mu?
40Momma yɛmpeepee yɛn akwan mu nhwehwɛ mu,
na yɛnsane mmra AWURADE nkyɛn.
41Momma yɛmmema yɛn akoma
ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro.
42 Dwom 106.6; Dan 9.5 Yɛn ara na yɛato mmara na yɛate atua,
wo nso woamfa amfiri.
43Wode abufuo kataa wo ho, na wotii yɛn,
woakum, woanni adɔna.
44Wode mununkum kataa wo ho,
na mpaebɔ amfa mu amma wo hɔ.
45Wode yɛn ayɛ nwira dodoɔ ne akyiwadeɛ,
aman no mfimfini.
46Yɛn atamfoɔ nyinaa
ahaahaa wɔn anomu atia yɛn.
47Ehu ne amena,
ɔsɛeɛ ne pasaayɛ abɛda yɛn hɔ.
48 Yer 9.1 M’ani pore nisuo sɛ asutene,
me man babaa sɛeɛ ho.
49M’ani pore nisuo, na ɛnnyae,
ɛnnya atwayɛ
50kɔsi sɛ AWURADE bɛsi ne tiri ase
afiri soro ahwɛ.
51 Kwa 2.11 M’ani hyɛ me awerɛhoɔ
me man mmammaa nyinaa nti.
52M’atamfoɔ apamo me kwa
sɛ anomaa.
53Wɔto me twene amena mu animono,
na wɔasi me aboɔ;
54nsuo bu kataa me tiri so;
na mese: Wɔatwa me atwene.
55 Dwom 130.1 Mefiri abura ase tɔnn
meteaa mu mefrɛɛ wo din, AWURADE.
56Wotee me nne;
nsi w’aso wɔ m’ahomeguo ne me sufrɛ ho.
57Wotwe pinii da a mefrɛɛ woɔ no;
wokaa sɛ: Nsuro!
58O AWURADE, woadi me kra asɛm ama me;
woagye me nkwa.
59AWURADE, woahunu asɛmmɔne a wɔdii me;
bu atɛn ma me!
60Woahunu wɔn aweretɔ no nyinaa,
wɔn tirimbɔ a wɔbɔ no me ho nyinaa,
61AWURADE, woate wɔn nsopa nyinaa,
wɔn tirimbɔ a wɔbɔ no me ho nyinaa,
62wɔn a wɔsɔre tia me no ano,
ne wɔn adwene a wɔdwene me ho daa daa nyinaa no;
63 Kwa 3.14 hwɛ wɔn asetena ne wɔn sɔreɛ no ɛ!
Mene wɔn nnwom mu nsɛm akɛseɛ.
64 Kwa 1.21; Dwom 137.8 AWURADE, hyɛ wɔn ananmu,
sɛdeɛ wɔn nsa ano nneyɛɛ teɛ.
65Ma nkatasoɔ nkata wɔn akoma so,
na wo nnome mmra wɔn so.
66Ti wɔn abufuo mu,
na sɛe wɔn firi ɔsoro ase, O AWURADE.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.