Yeremia 22 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Wɔbɔ ahemfiefoɔ kɔkɔ. Atemmuo no

1Sɛ AWURADE seɛ nie: Siane kɔ Yuda hene fie, na kɔka asɛm yi hɔ sɛ:

2Tie AWURADE asɛm, Yuda hene a wote Dawid akonnwa soɔ no, wo ne wo nkoa ne wo man a wɔfa apono yi mu ba mu no.

3Yer 21.12 Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommu atɛntenenee nyɛ ade tenenee, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ, monnhom wɔn so, mommmɔ wɔn atirimuɔden, na mogya a ɛdi bem nso, monnhwie nngu wɔ ha yi.

4Yer 17.25 Na sɛ modi asɛm yi so ampa a, ɛnneɛ ahemfo a ɛtete Dawid akonnwa soɔ bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so abɛfa efie yi apono akɛseɛ mu aba mu, wɔn ne ne nkoa ne wɔn man.

5Na sɛ moantie nsɛm yi a, ɛnneɛ maka me ho ntam, AWURADE asɛm nie, sɛ efie yi bɛdane fituo.

6Na sɛ AWURADE ka fa Yuda hene fie ho nie:

Woyɛ me sɛ Gilead,

ne Lebanon atifi,

nanso mɛdane wo anwea pradada so,

nkuro a wɔnte mu!

7Na mereyi asɛefoɔ atia wo,

wɔn akodeɛ kurakura wɔn,

na wɔabubu wo ntweneduro a wɔayie no

de agu ogya mu.

8Na amanaman pii bɛtwam kuro yi ho, na wɔasese wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛnam deɛn so nti na AWURADE ayɛ kuro kɛseɛ yi seyie?

9Na wɔbɛbua wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn Nyankopɔn apam, na wɔakɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.

10Monnsu owufoɔ

na monnnyam no.

Esu mmom na monsu deɛ ɔrekorɔ no,

na ɔrensane mma bio

mmɛhunu n’awoɔ asase.

Yosia mma ho atemmusɛm

11 2 Be 36.3-4 Na sɛ AWURADE ka no Salum a ɔyɛ Yudahene Yosia ba a ɔsii n’agya Yosia anan mu dii hene, a ɔfiri ha kɔeɛ no ho nie: Ɔrensane mma ha bio,

12na deɛ wɔatu no korɔ no, ɛhɔ na ɔbɛwuo, na ɔrenhunu asase yi bio.

13 Mika 3.10; Lew 19.13 Deɛ ɔfa ɔkwan a ɛntene so kyekyere ne fie,

na ɔde asisie si n’abansoro,

na ɔma ne yɔnko yɛ adwuma kwa,

na ɔmfa n’akatua mma no no nnue!

14Deɛ ɔka sɛ: Mɛsi dan a emu baeɛ

ayɛ mu abansoro adan a ɛsoso pii mafa,

na ɔtwitwa mu mpomma

na ɔde ntweneduro sam mu,

na ɔde adukɔkɔɔ sra mu!

15W’ani abere tweneduro ho yi nti,

ɛyɛ wo sɛ woyɛ ɔhene?

W’agya annidi annom

wammu atɛntenenee anyɛ ade tenenee?

Ɛno nti nso na ɛsii no yie.

16Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no,

enti nso na ɛsii no yie.

Ɛnyɛ yei ne me ho nimdeɛ?

AWURADE asɛm nie.

17Nanso w’ani ne w’akoma

nni hwee so sɛ wo mfasoɔ bɔne,

ne mogya a ɛdi bem so sɛ ɛngu fam,

ne amim ne nhyɛsoɔ so sɛ wobɛyɛ.

18 Yer 34.5 Ɛno nti sɛ AWURADE ka no Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba no ho nie:

Wɔrennyam no nka sɛ:

Due, me nuabarima, anaa: Due, onuabaa!

Wɔrennyam no nka sɛ: Due, owura! anaa: Due, n’animuonyam!

19 Yes 14.19 Afunumu sie na wɔde bɛsie no,

wɔbɛtwe no ato no atwene Yerusalem apono akyiri.

20Foro kɔ Lebanon kɔsu,

na ma wo nne so wɔ Basan,

na team firi Abarim,

ɛfiri sɛ wɔadwerɛ w’adɔfo nyinaa.

21Wodii yie no, mekasa mekyerɛɛ wo,

na wose: Merentie.

Wo kwan a wofa so nie firi wo mmabaaberɛ mu,

sɛ wontie me.

22 Yer 25.9, 18 Mframa bɛyɛne w’ayɛnfoɔ nyinaa,

na w’adɔfo bɛkɔ nnommumfa mu;

ɛno ansa na w’ani bɛwuo na w’anim agu ase,

wo bɔne nyinaa ho.

23 Yer 13.21 Wo a wote Lebanon

ayɛ wo pirebuo ntweneduro soɔ no,

sɛ ɔyea ne awoko

a ɛte sɛ ɔbaa wofoɔ deɛ ba wo so a, sɛdeɛ wobɛsi ayɛ mmɔbɔ afa.

24 Yer 24.1 Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE asɛm nie, sɛ Yudahene Konia, a ɔyɛ Yehoiakim ba no yɛ me nifa so nsɔanokaa mpo a, anka mɛte no afiri hɔ.

25Na mede wo bɛhyɛ wɔn a wɔhwehwɛ wo kra no nsa, ne wɔn a wosuro wɔn anim no nsa, ne Babelhene Nebukadnessar ne Kaldeafoɔ nsa;

262 Ah 24.12, 15 na mɛpra wo ne wo na a ɔwoo woɔ no akɔ asase bi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo so, na ɛhɔ ara na mobɛwuwuo,

27na asase a wɔn kra pɛ sɛ wɔbɛsane aba soɔ no, wɔrensane mma hɔ bio.

28Ɔbarima Konia yi ayɛ sɛ anwonneɛ a abɔ na wɔmmuo,

anaa adeɛ bi a obiara ani nnye ho?

Adɛn nti na wɔto no ne n’asefoɔ gu asase

a wɔnnim soɔ so yi?

29O asase, asase, asase,

tie AWURADE asɛm!

30Sɛ AWURADE seɛ nie:

Montwerɛ wɔ ɔbarima yi ho

sɛ ɔyɛ deɛ ɔnni ba,

ɔbarima a ɔrenni yie ne nna mu,

na n’asefoɔ mu obiara a ɔbɛtena Dawid ahennwa soɔ

na wadi Yuda so bio no, renni yie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help