Yona 3 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ahonu asɛnka wɔ Ninewe

1Na AWURADE asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ:

2Yona 1.2 Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na kɔpae asɛm a mereka makyerɛ woɔ no kyerɛ wɔn.

3Yona 4.11 Ɛnna Yona sɔre nam AWURADE asɛm no soɔ sii mu kɔɔ Ninewe. Nso na Ninewe yɛ kuro kɛseɛ a nnansa na wɔde twa ho hyia.

4Na Yona firii aseɛ hyɛnee kuro no mu nantee da koro, na ɔpaee sɛ: Aka adaduanan na Ninewe abutu.

5Mat 12.41 Ɛnna Ninewefoɔ no gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔpaee mmuadadie, na wɔfirafiraa ayitoma firi wɔn mu nnipa akɛseɛ so kɔsii wɔn mu akumaa so.

6Na asɛm no duruu Ninewe hene nkyɛn no, ɔsɔre firii n’adwa so, na ɔyii ne ngusoɔ guu hɔ na ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa nso mu,

7na ɔmaa wɔpaee mu kaa no Ninewe, ɔhene ne n’atitire asɛm so, kaa sɛ: Nnipa ne afieboa, anantwie ne nnwan mmfa hwee nnka wɔn ano, wɔmmma wɔnnkɔdidi, na wɔnnnom nsuo nso.

8Na nnipa ne afieboa mfirafira ayitoma, na wɔnsu dendeenden mfrɛ Onyankopɔn, na wɔnsane mfiri wɔn kwammɔne so ne amim adeɛ a ɛwowɔ wɔn nsam no ho.

9Yoel 2.14 Obi nnim sɛ ebia Onyankopɔn bɛsesa n’adwene wɔ adeɛ wɔrebɛyɛ no ho, na wadane afiri n’abufuhyeɛ no ho, na wansɛe yɛn.

10 Yer 18.7-8 Na Onyankopɔn hunuu wɔn nneyɛɛ, sɛ wɔasane afiri wɔn akwammɔne no soɔ, na ɔsesaa n’adwene wɔ bɔne a ɔkaa sɛ ɔde bɛyɛ wɔn no ho, na wanyɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help