Hosea 12 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yakob nhwɛsoɔ

1 Hos 7.11 Efraim hwe mframa,

na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa

wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso,

na wɔne Asiria kɔ apam,

na wɔsoa ngo kɔ Misraim.

2Na AWURADE ne Yuda anya asɛm,

na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛdeɛ n’akwan teɛ;

sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ no na ɔbɛtua no ka.

3 Gye 25.22, 26; 32.24-28 Ɔyafunum na ɔsɔɔ ne nua nantin,

na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koeɛ.

4 Gye 35.15 Ɔne ɔbɔfoɔ no koe, na ɔtumii;

ɔsui na ɔpaa no kyɛw;

ɔhunuu no Betel,

na ɛhɔ na ɔne yɛn kasaeɛ.

5 Dwom 83.18 Na AWURADE yɛ asafo Nyankopɔn,

AWURADE ne ne din a wɔde kae no.

6Na wo nso, sane kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn;

sɔ adɔeɛ ne atemmuo mu,

na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa daa.

7Kanaan, nsisie nsania wɔ ne nsam,

ɔpɛ amimdie.

8 Adi 3.17 Na Efraim ka sɛ: Manya me ho ara,

manya adeɛ pii mafa; me brɛ nyinaa mu,

wɔannya amumuyɛdeɛ a ɛyɛ bɔne amma me.

9 Hos 13.4 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn

de firi Misraim asase so;

mɛma woatena ntomadan mu bio

sɛ afahyɛ nna no mu.

10Na makasa makyerɛ adiyifoɔ no,

na mama anisoadehunu adɔɔso,

na menam adiyifoɔ ano so mabubu mmɛ.

11Gilead yɛ abusudeɛ anaa?

Wɔadane ahuhudeɛ ara;

Gilgal hɔ na wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ,

wɔn afɔrebukyia no nso te sɛ

afuo mu nkofie so aboɔkuo.

12 Gye 28.5; 29.20 (Na Yakob dwane kɔɔ Siria asase so,

na Israel som ɛyerɛ ho,

na ɛyerɛ nti ɔhwɛɛ nnwan.)

13 Eks 3.10 Na AWURADE nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim bae,

na ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ wɔn.

14Efraim yii abufuo sɛ,

enti ɔbɛma mogya a ɔdi ho so no abua n’atifi,

na n’ahohora nso, n’AWURADE bɛdane agu ne so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help