1 Heb 8.5; 7.19 Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛsoɔ na ɛnyɛ nnoɔma no suban ankasa nti, ɛntumi mfa afɔdeɛ korɔ no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da;
2na sɛ asɔrefoɔ a wɔate wɔn ho prɛko nni bɔne ho ahonim bio a, anka wɔannyae afɔrebɔ anaa?
3Lew 16.21 Na mmom bɔne ho nkaeɛ wɔ mu daa afirinhyia,
4ɛfiri sɛ anantwinini ne mmirekyie mogya ntumi nyi bɔne mfiri hɔ.
5 Dwom 40.6-8 Enti ɔreba wiase no, na ɔkaa sɛ: Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me.
6Ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ansɔ w’ani.
7Ɛno na mekaa sɛ: Hwɛ, mereba,
wɔatwerɛ me ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu sɛ, merebɛyɛ deɛ wo, Onyankopɔn, wopɛ.
8Kane no, ɔkaa sɛ: Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ, woampɛ, nanso ansɔ w’ani, (ɛne deɛ wɔnam mmara so de ma).
9Ɛno na ɔkaa sɛ: Hwɛ, maba sɛ merebɛyɛ deɛ wopɛ; ɔyi deɛ ɛdi kan no hɔ, na ɔde deɛ ɛtɔ so mmienu no asi hɔ.
10Heb 9.12; 9.28 Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmaeɛ no soɔ ate yɛn ho prɛko.
11 Eks 29.38; Heb 10.1 Na ɔsɔfoɔ biara gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔdeɛ korɔ no ara a ɛntumi nyi bɔne mfiri hɔ da.
12Heb 10.10; 10.14 Na ɔno deɛ, ɔnya bɔɔ daa bɔne ho afɔdeɛ baako no, ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.
13Dwom 110.1 Na deɛ aka ne sɛ ɔtwɛn kɔduru sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiasoɔ.
14Heb 10.12 Na ɔde afɔdeɛ korɔ no ara ama wɔn a wɔate wɔn ho no awie pɛyɛ.
15Na Honhom Kronkron nso di yɛn adanseɛ. Ɛfiri sɛ akane no, ɔkaa sɛ:
16 Yer 31.33; Heb 8.10 Yei ne apam a nna no akyi
me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ɔseɛ:
Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akoma mu,
na matwerɛ wɔ wɔn adwene mu
17 Yer 31.34; Heb 8.12 Ɔka toa so sɛ,
na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merenkae bio.
18Na deɛ yeinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.
Nyankopɔn anim korɔ kwan19 Mat 27.51 Enti, anuanom, sɛ yɛwɔ Yesu mogya mu nnamyɛ a yɛde bɛkɔ kronkronbea hɔ,
20Heb 9.8 ɛsiane ɔkwan a wɔsiesie ama yɛn, ɔkwan foforɔ a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam, ɛne sɛ ne honam mu,
21ne sɛ yɛwɔ Nyankopɔn fie so sɔfoɔ kɛseɛ nti,
22Heb 4.16; Efe 5.26 momma yɛmfa nokorɛ akoma wɔ gyidie a akyinnyeɛ nni mu koraa mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn akoma ho afiri ahonim bɔne mu, na wɔde nsuo korɔgyenn adware wɔn nipadua.
23Heb 4.14 Momma yɛnsɔ anidasoɔ asɛm a yɛgyina so ka no mu pintinn, ɛfiri sɛ ɔnokwafoɔ ne deɛ ɔhyɛɛ bɔ no,
24Heb 13.1 na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.
25Heb 3.13; 10.37 Na mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu, sɛdeɛ ebinom yɛ no, na mmom momma yɛntutu yɛn ho yɛn ho fo, berɛ dodoɔ a mohunu sɛ Ɛda no rebɛn.
Ɔwaeɛ yɛ adeɛ a ɛyɛ hu26 Heb 6.4-8 Na sɛ yɛnya nya nokorɛ no mu nimdeɛ, na akyire yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔdeɛ biara nni hɔ bio,
27na mmom deɛ aka ne atemmuo akwanhwɛ a ɛyɛ hu bi, ne ogya a ɛrebɛhye atamfoɔ no pasaa.
28Num 15.30; Deut 17.6 Sɛ obi to Mose mmara a, ɔkwati mmɔborɔhunu gyina adansefoɔ baanu anaa baasa anomu asɛm so wu.
29Heb 2.3 Akatua a ɛnyɛ koraa bɛn na mususu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde bɛtua deɛ watiatia Nyankopɔn Ba no soɔ, na wabu apam mogya a wɔde ate ne ho no ahuhudeɛ, na wasopa adom honhom no?
30Deut 32.35-36 Na yɛnim deɛ ɔkaa sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me na mɛtua ka. Na bio: Awurade bɛbu ne man atɛn.
31Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsa mu hweɛ yɛ hu.
32 Heb 6.4 Na monkae sɛ kane nna a monyaa hann no, momiaa mo ani hunuu ɔko bebree mu amane.
331 Ko 4.9 Ebi ne sɛ, monam ahohora ne ahohia so yɛɛ adwasodeɛ, ebi nso ne sɛ moyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa no mfɛfoɔ.
34Mat 6.20; 19.21; 19.29 Na momaa nneduafoɔ amaneɛ kaa mo, mode anigyeɛ nso penee mo nnoɔma fom sɛ monim sɛ mowɔ ahodeɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ ɔsoro a ɛtena hɔ.
35Enti monnto mo nnamyɛ a ɛwɔ akatua kɛseɛ no nntwene.
36Luka 21.19 Na boasetɔ hia mo, na sɛ mowie deɛ Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.
37 Hab 2.3 Na aka kakraa bi
na deɛ ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ.
38 Hab 2.4; Rom 1.17 Na deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa,
na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.
39Na yɛn deɛ, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛeɛ mu mu, na mmom yɛfra wɔn a wɔgye die na wɔkɔ nkwagyeɛ mu mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.