Asomafoɔ 20 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Paulo wɔ Makedonia ne Hela

1Na gyegyeegye no gyaeeɛ no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔtuu wɔn fo kraa wɔn firii hɔ sɛ, ɔrekɔ Makedonia.

2Na ɔtwaa mu hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela.

3Na ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa; na ɔreyɛ atu akɔ Siria no, na Yudafoɔ retɛ no nti, ɔpatu sane bɛfaa Makedonia.

4Aso 17.10; 19.29 Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafoɔ Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafoɔ Tihiko ne Trofimo ka ne ho.

5Aso 16.8 Yeinom dii kan kɔtwɛnee yɛn wɔ Troa.

6Na yɛn nso, Apiti nna twaa mu no, yɛfirii Filipi faa nsuo ani, na yɛde nnanum bɛduruu wɔn nkyɛn Troa; ɛhɔ na yɛdii nnanson.

Paulo ne Troas asɔremma di nkra

7 1 Ko 16.2; Aso 2.42; 2.46 Na nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no a yɛhyiaa sɛ yɛrebubu paanoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, ɛfiri sɛ adeɛ kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kɔsii ɔdasuo mu.

8Na nkanea bebree wɔ abansoro faako a yɛahyia mu hɔ.

9Na aberanteɛ bi a ne din de Eutiko te mpomma ano ada hatee, na ɛsiane sɛ Paulo kasa kyɛreeɛ nti, ɔtɔɔ nko firii aborɔsansa no so hwee ase, na wɔmaa no soɔ no, na wawu.

101 Ah 17.21 Na Paulo siane kɔbutuu ne so, na ɔyɛɛ no atuu kaa sɛ: Monnha mo ho, na nkwa da so ara wɔ ne mu.

11Na ɔforo bae, na ɔbubuu paanoo, na ɔdiiɛ no, ɔtoaa so kasae ara kɔsii adekyeeɛ, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.

12Na wɔde abɔfra no baa wɔ anikan so, na ɛyɛɛ wɔn awerɛkyekyerɛ kɛseɛ.

Paulo firi Troas kɔ Mileto

13Na yɛdii kan kɔɔ suhyɛn mu faa nsuo ani kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ; sɛdeɛ ɔhyehyɛeɛ ne no, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ ɔbɛfa fam akɔ hɔ.

14Na ɔne yɛn hyiaa Aso no, yɛfaa no, na yɛbaa Mitilene.

15Na yɛtu firii hɔ, na adeɛ kyeeɛ no, yɛbɛduruu Kio ntentensoɔ; na adeɛ kyee bio no, yɛbɛduruu Samo; na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Mileto.

16Aso 18.21 Na Paulo aka sɛ ɔbɛsiane Efeso ho, na wankɔkyɛre Asia; ɛfiri sɛ na ɔrepɛ ntɛm, na sɛ ɔbɛtumi a, wakɔduru Yerusalem Pentekoste da.

Paulo ne Efeso mpanimfoɔ di nkra

17Na ɔfiri Mileto soma kɔɔ Efeso kɔhyiaa asafo no mu mpanimfoɔ.

18Aso 18.19; 19.10 Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monim sɛdeɛ ɛfiri da a ɛdi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenaa berɛ no nyinaa mu,

19na mede ahobrɛaseɛ adwene nyinaa ne nisuo pii, sɔhwɛ a ɛbaa me soɔ Yudafoɔ pɔ bɔne a wɔbɔɔ no me ho mu mesom Awurade.

20Na mansi deɛ ɛyɛ mfasoɔ mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo edwam ne afie mu,

21na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.

22 Aso 19.21 Na afei, hwɛ, Honhom no hyɛ me nti, merekɔ Yerusalem, na mennim deɛ ɛbɛto me wɔ hɔ,

23Aso 9.16; 21.4; 21.11 gye sɛ Honhom Kronkron di me adanseɛ nkuro nyinaa mu ka sɛ ɛkyerɛ ne amaneɛ retwɛn me.

24Aso 21.13 Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.

25 Aso 18.6 Na afei, hwɛ, menim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahennie no ho asɛm no nyinaa renhunu m’anim bio.

26Aso 18.6 Enti nnɛ medi mo adanseɛ sɛ, me ho afiri mo nyinaa mogya ho;

27ɛfiri sɛ mansi biribiara so, sɛ ebia merenka Nyankopɔn tiri mu agyina nyinaa menkyerɛ mo.

281 Ti 4.16; 1 Pe 5.2 Enti monhwɛ mo ho ne nnwankuo nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfoɔ, sɛ mobɛyɛne Nyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara mogya anya wɔn no yie.

29Mat 7.15 Na menim sɛ, me korɔ akyiri no, mpataku bɔne bɛhyɛne mo mu a wɔrennyae nnwankuo no kwa.

30Nso mo ara mo mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafoɔ no adi wɔn akyire.

31Enti monwɛn, monkae sɛ mfeɛ mmiɛnsa ni, anadwo ne awia, mennyaee mo mu biara afotuo wɔ nisuo mu da.

32Na afei deɛ, mede mo hyɛ Onyankopɔn nsa ne n’adom asɛm mu; ɔno na ɔbɛtumi de mo asi hɔ, na wama mo agyapadeɛ wɔn a wɔate wɔn ho nyinaa mu.

33Mat 10.8; 1 Ko 9.12; 1 Sa 12.3 M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atadeɛ.

34Aso 18.3; 1 Ko 4.12; 1 Te 2.9 Mo ara monim sɛ, deɛ ɛhiaa me ne wɔn a wɔka me ho no, me nsa yi ano adwuma na mede menyaeɛ.

35Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.

36Aso 21.5 Na ɔkaa saa no, ɔkotoo ne nankoroma anim ne wɔn nyinaa bɔɔ mpaeɛ.

37Na wɔn nyinaa suu pii, na wɔsosɔɔ Paulo kɔn fee n’ano.

38Aso 20.25 Na deɛ ɛyɛɛ wɔn ya bebrebe ne asɛm a ɔkaa sɛ wɔrenhunu n’anim bio no. Na wɔkɔgyaa no kwan wɔ suhyɛn no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help