1 na ɔkaa sɛ: AWURADE hɔ na mesrɛɛ no.
21Na ɔbarima Elkana ne ne fiefoɔ nyinaa foro kɔɔ sɛ ɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ de n’aboadeɛ akɔma AWURADE.
22Na Hana deɛ, wankɔ, na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Gye sɛ abɔfra no atwa nufoɔ ansa na mede no akɔ, na wakɔpue AWURADE anim, na watena hɔ daa.
23Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so, tena hɔ kɔsi sɛ wobɛtwa no nufoɔ ansa; AWURADE asɛm ara na ɔmma no nnyina. Na ɔbaa no tenaa hɔ maa ne ba nufoɔ de kɔsii sɛ ɔtwaa no.
24Na ɔtwaa no no, ɔfaa no kaa ne ho de nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam efa baako ne bobesa kotokuo ma de no baa AWURADE fie Silo. Na abɔfra no sua.
25Na wɔkum nantwinini no, na wɔde abɔfra no brɛɛ Eli.
26Na ɔkaa sɛ: O me wura, sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura, mene ɔbaa a ɔbɛgyinaa wo nkyɛn ha yi bɔɔ AWURADE mpaeɛ no.
271 Sa 1.17 Abɔfra yi ho mpaeɛ na mebɔeɛ, na AWURADE ama me adeɛ a mesrɛɛ no ne hɔ no.
281 Sa 1.11 Enti me deɛ, mede no mafɛm AWURADE; ne nna a ɔbɛtena aseɛ nyinaa mede no mama AWURADE. Na ɔsɔree AWURADE wɔ hɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
