2 Berɛsosɛm 3 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Asɔrefie sie no mfitiaseɛ

1 1 Ah 6; 7.15-22 Na Salomo firii aseɛ sii AWURADE fie no wɔ Yerusalem, Moria bepɔ a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛeɛ, Yebusini Ornan ayuporebea hɔ.

2Na ɔfirii aseɛ sii no bosome a ɛtɔ so mmienu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu.

3Na yei ne fapem a Salomo too sɛ ɔde resi AWURADE dan no: Ne ntwemu yɛ akane nsusuiɛ no mu basafa aduasa, na ne trɛ nso basafa du.

4Na ntwonoowa a ɛwɔ ɛdan no trɛ anim no, ne ntwemu yɛ basafa du, na ne korɔn, basafa aduosia. Na ɔde sika amapa duraa emu fam.

5Na ɛdan kɛseɛ no, ɔde pepeaa nnua kataa ho, na ɔde sika pa kataa ho, na ɔdii so adwini, mmɛ ne ntweaban.

6Na ɔde aboɔ a ne boɔ yɛ den duraa ɛdan no ho sɛ ahyehyɛdeɛ. Na sika no yɛ Parwaim sika.

7Na ɔde sika kataa ɛdan no mpuna, aponnwa, n’afasuo ne n’apono ntanta no ho. Na ɔsenee kerubim guguu afasuo no ho.

8Na ɔyɛɛ kronkronkronbea dan no, ne ntwemu sɛdeɛ ɛdan no trɛ teɛ yɛ basafa du, na ne trɛ yɛ basafa du, na ɔde sika pa a ano si talente ahansia kataa ho.

9Na deɛ wɔkari de yɛɛ nnadewa no ano si sika nnwetɛbena aduonum. Na ɔsoro adan no nso, ɔde sika kataa ho.

10Na kronkron mu kronkronbea dan no mu no, ɔde dua senee kerubim mmienu, na ɔde sika duraa ho.

11Na kerubim no ntaban ntwemu yɛ basafa du, baako ataban baako yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛka ɛdan no fasuo, ataban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa na ɛka kerub baako no ataban.

12Na kerub baako no nso ataban yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛka ɛdan no fasuo no, na ataban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛpem kerub baako no ataban no.

13Kerubim yi ntaban a wɔatrɛ mu no yɛ basafa du, na wɔgyinagyina wɔn nan so, na wɔn anim hwɛ ɛdan no.

14Eks 26.31 Na ɔde bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne nwera yɛɛ ntwamutam, na ɔyeyɛɛ mu kerubim.

Kɔbere mfrafraeɛ Adum mmienu no(1 Ahemfo 7.15-22)

15Na ɔyɛɛ ɛdan no anim adum mmienu, n’atentene, basafa dunson ne fa, na aduntire a ɛwɔ atifi no basafa mmienu ne fa.

16Na ɔyɛɛ ntweaban mpiakyire mu, na ɔde sensɛnee adum no atifi, na ɔyɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ, ɔha, hyehyɛɛ ntweaban no mu.

17Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no anim, baako wɔ nifa, na baako wɔ benkum. Na ɔtoo nifa fam deɛ no din: Yakin, na benkum fam deɛ no, ɔtoo no din: Boas.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help