Nnwom 14 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Wiase nnebɔne(Nnwom 53)Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ.

1Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ.

Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ,

obi nni hɔ a ɔyɛ papa.

2 Dwom 33.13 AWURADE firi soro hwɛ nnipa mma,

sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma,

obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.

3 Gye 6.12; Rom 3.10-12 Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ,

obi nni hɔ a ɔyɛ papa,

ɔbaako mpo nni hɔ.

4 Mika 3.3 Enti omumuyɛfoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ nimdeɛ,

wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane,

na wɔnsɔre AWURADE?

5Ɛno na wɔn ho popoeɛ,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu.

6 Dwom 12.5 Mobɛhwete mmɔborɔni atirimpɔ mu

ara, nanso AWURADE ne ne dwanekɔbea.

7Hwan na ɔde Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba?

Da a AWURADE de ne man agyapadeɛ bɛsane aba no,

Yakob bɛdi ahurisie, na Israel ani agye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help