Nnwom 77 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Mmerɛ a atwam ne nnɛWɔde ma dwonkyerɛfoɔ Yedutun. Asaf dwom.

1 Dwom 62.1 Mɛma me nne so makyerɛ Onyankopɔn,

na masu mafrɛ no;

mɛma me nne so makyerɛ Onyankopɔn,

na ɔbɛyɛ aso ama me.

2M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE,

me nsam atene anadwo nyinaa,

na ɛmpa aba, me kra po awerɛkyekyerɛ.

3Mekae Onyankopɔn a, mesi apini,

medwene a, me honhom tɔ piti.

4Wokura m’anisuatɛtɛ mu,

ɛpempem me, na mentumi menkasa.

5 Dwom 143.5 Medwene tete nna no,

tete mmerɛ no mu mfeɛ.

6Mekae m’anadwo dwom, medwene m’akomam,

na me honhom hwehwɛm pɛsɛpɛsɛ.

7 Dwom 85.5 AWURADE bɛto atwene daa,

na ɔrennom bi bio anaa?

8N’adɔeɛ awie mutwa koraa anaa?

N’asɛm a ɔkaeɛ no asa ama awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anaa?

9Onyankopɔn werɛ afiri adom,

anaasɛ ɔde abufuo atwe ne mmɔborɔhunu ato ne yam?

10Ɛnna mese: Me dadwene a ɛda me soɔ ne sɛ,

ɔsorosoroni no nifa asakyera.

11Mɛkae AWURADE nneyɛɛ maka,

aane, mɛkae wo tete anwanwadeɛ,

12na masusu w’adwuma nyinaa ho,

na madwene wo nneyɛɛ ho.

13 Eks 15.11 Onyankopɔn, wo kwan wɔ kronkronyɛ mu,

hwan na ɔyɛ nyame kɛseɛ sɛ Onyankopɔn?

14Wone Onyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ,

woama wɔahunu wo tumi, aman mu.

15Wode wo nsa na agye wo man,

Yakob ne Yosef mma no.

16Asuasu hunuu wo, Onyankopɔn,

asuasu hunuu wo, na wɔbɔɔ binim,

abunu nso wosowosoe.

17Amununkum tɔɔ osuo bibibibi,

ewiem tɔnn gyegyee,

w’agyan nso pepaa anyinam,

18w’aprannaa boboom, ahum a ɛdi kyinhyia mu.

Anyinam hyerɛn wiase,

asase popoe na ɛwosoe.

19Wo kwan faa ɛpo mu,

na wo tempɔn nsuo pii mu,

na wɔanhunu w’anammɔn.

20 Eks 12.37; 14.22 Wonam Mose ne Aaron nsa so

bɛgyaa wo man sɛ nnwankuo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help