2 Samuel 17 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ahitofel afotuo yɛ ɔkwa

1 Dwom 71.11 Bio, Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Ma menkɔyi mmarima mpem dummienu, na mensɔre menkɔti Dawid anadwo yi,

2mɛkɔ no so wɔ berɛ a wabrɛ na ne nsam agoɔ, na makɔ yi no ehu, ɛbɛma wɔn a wɔka ne ho nyinaa adwane, na makum ɔhene no nko.

3Na afei mede nnipa no nyinaa masane mabrɛ wo, sɛdeɛ wɔde ayeforɔ ba ne kunu nkyɛn; na onipa baako pɛ na worehwehwɛ no aku no, na ɔman no nyinaa bɛyɛ komm.

4Na asɛm no tɔɔ Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa aso mu.

5 2 Sa 16.16 Na Absalom kaa sɛ: Kɔfrɛ Arkini Husai nso bra, na yɛntie deɛ ɛwɔ ɔno nso anomu.

6Na Husai baa Absalom nkyɛn no, Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Ahitofel aka nie. Yɛnni n’asɛm no so anaa? Sɛ ɛnte saa a, wo nso ka bi.

7Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Ɛfo a Ahitofel tuu seesei yi deɛ, ɛnyɛ.

8Na Husai kaa sɛ: Wo ara wonim w’agya ne ne mmarima sɛ wɔyɛ ahoɔdenfoɔ, na wɔn bo ahuri sɛ sisire a wɔafa ne mma wiram, na w’agya nso yɛ dɔmmarima, na ɔne nkurɔfoɔ no renna anadwo yi.

9Hwɛ, sɛsɛɛ wakɔhunta amena bi mu anaa baabi. Na sɛ mfitiaseɛ no wɔn mu bi totɔ a, obiara a ɔbɛteɛ no bɛka sɛ: Nnipa a wɔdi Absalom akyire no adi nkoguo.

10Na deɛ ɔyɛ ɔbarima na n’akoma te sɛ gyata akoma mpo, ehu nti, ɔbɛhodwo. Na Israel nyinaa nim sɛ w’agya yɛ dɔmmarima na wɔn a wɔka ne ho nso yɛ akofoɔ.

11Enti meretu wo fo sɛ: Boaboa Israel nyinaa ano firi Dan kɔsi Beer-seba wɔ wo nkyɛn sɛ mpoano anwea dodoɔ, na wo ara kɔ sa no.

12Ɛno na sɛ yɛkɔto no baabiara a yɛbɛhu no a, yɛato ahyɛ ne so sɛdeɛ bosuo gu fam, na ɔno ne mmarima a wɔka ne ho no mu baako mpo anka.

13Nanso sɛ ɔtwe ne ho kɔ kuro bi mu a, Israel nyinaa de ntampehoma bɛto kuro no ho, na yɛatwe akɔ bɔnhwa mu akɔsi sɛ wɔrenhunu ɔboɔ ketewa baako mpo wɔ hɔ.

142 Sa 15.31, 34 Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kaa sɛ: Arkini Husai afotuo no yɛ sene Ahitofel deɛ no. Na AWURADE na ahyɛ sɛ wɔmma Ahitofel afotu pa no nyɛ ɔkwa, na AWURADE de bɔne aba Absalom so.

15Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar sɛ: Ɛfo a Ahitofel atu Absalom ne Israel mpanimfoɔ nie, na ɛfo a me nso matuo nie.

16Na afei monsoma ntɛm na wɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ: Ntena ɛserɛ so mpaperɛ mu anadwo yi, na twa mmom na twa korɔ, na wɔammɛtɔre ɔhene ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa ase.

171 Ah 1.9 Nso na Yonatan ne Ahimaas tete En-rogel, na abaawa bi kɔka kyerɛɛ wɔn deɛ wɔnkɔka nkyerɛ Ɔhene Dawid, ɛfiri sɛ na wɔntumi nkɔ kuro no mu mma wɔnhu wɔn.

18Nso aberanteɛ bi kɔhunuu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔn baanu no firii hɔ ntɛm kɔduruu Bahurim barima bi fie, na ɔwɔ abura n’adihɔ, na wɔsiane kɔtɛɛ mu.

19Na ɔbaa no faa nkatasoɔ bi de kataa abura no ano, na ɔde atokoɔ a wɔasie trɛtrɛɛ so na obiara anhunu hwee.

20Na Absalom asomfoɔ no duruu ɔbaa no nkyɛn efie hɔ no, wɔbisaa sɛ: Ɛhe na Ahimaas ne Yonatan wɔ? Na ɔbaa no kaa sɛ: Wɔatwa asuwa no kɔ. Na wɔhwehwɛɛ wɔn; na wɔanhu wɔn no, wɔsane baa Yerusalem.

21Na wɔn korɔ akyiri no, mmarima no firi abura no mu firii adi, na wɔkɔ kɔka kyerɛɛ Ɔhene Dawid sɛ: Monsɔre nkɔtwa asuo no ntɛm, na ɛfo a Ahitofel atu wɔ mo ho nie.

22Ɛnna Dawid ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa sɔre kɔtwaa Yordan no; adeɛ kyee anɔpa no, na wɔn mu baako mpo nkae a ɔnnya ntwaa Yordan.

23 Mat 27.5 Na Ahitofel hunuu sɛ wɔanni n’afotuo soɔ no, ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔsɔre kɔɔ ne fie, wɔ ne kurom. Na ɔtotoo ne fie wieeɛ no, ɔkɔsɛnee ne mene wuiɛ, na wɔsiee no n’agya da mu.

24Na Dawid duruu Mahanaim. Na Absalom ne Israel mmarima no nyinaa kɔtwaa Yordan.

252 Sa 19.13 Na Absalom de Amasa sii Yoab ananmu hyɛɛ asraafoɔ dɔm no so. Amasa yɛ ɔbarima a wɔfrɛ no Yitra, Israelni a ɔkɔɔ Nahas babaa Abigail a ɔyɛ Yoab ne na Seruia nua ho no, ba.

26Na Absalom ne Israel kɔkyeree nsraban wɔ Gilead asase so.

27 2 Sa 9.4; 1 Ah 2.7 Na Dawid duruu Mahanaim no, Nahas ba Sobi a ɔfiri Amonfoɔ Raba, ne Amiel ba Makir a ɔfiri Lo-debar, ne Gileadni Barsilai a ɔfiri Rogelim no

28de mpa, nyowa, nkukuo, atokoɔ, esiam, nkyeweɛ, asɛ, asedua,

292 Sa 16.2 ɛwoɔ, nufosuo ani sradeɛ ne anantwie nufosuo a akyenkyen mua brɛɛ Dawid ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no sɛ wɔnni, na wɔse: Ɛkɔm de nkurɔfoɔ no, na wɔabrɛ, na sukɔm ade wɔn ɛserɛ so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help