Yosua 13 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Onyankopɔn hyɛ Yosua sɛ ɔnkyekyɛ asase no mu

1Na Yosua abɔ akora na wadi mfeɛ pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfeɛ pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree.

2Asase a aka no nie: Filistifoɔ nsase nyinaa ne Gesur nyinaa.

3(Ɛde firi Sihor a ɛwɔ Misraim apueeɛ fam no ano de kɔsi Ekron hyeɛ so atifi fam no, wɔbu ma Kanaanfoɔ. Filistifoɔ ahemfo baanum no: Gasa deɛ ne Asdod deɛ, Askelon deɛ, Gat deɛ ne Ekron deɛ) ne Awifoɔ wɔ anafoɔ fam;

4Kanaanfoɔ asase no nyinaa ne Meara a ɛyɛ Sidonfoɔ dea no de kɔsi Afek kɔduru Amorifoɔ hyeɛ so;

5ne Gebalfoɔ asase ne Lebanon nyinaa wɔ owiapueeɛ de firi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔ aseɛ de kɔsi Hamat fam;

6Yos 11.8 wɔn a wɔte bepɔ no soɔ nyinaa, de firi Lebanon ho de kɔsi Misrefot-maim, Sidonfoɔ nyinaa; me ara, mɛtu wɔn afiri Israelfoɔ no anim; ɛso ntonto nko na twe ma Israel na wɔmfa nni so, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no.

7Na afei kyɛ asase yi mu na ɛnyɛ mmusuakuo nkron ne Manase abusuakuo fa no agyapadeɛ.

8 Yos 13.15-32 Manase fa ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ anya wɔn agyapadeɛ a Mose de maa wɔn Yordan agya apueeɛ no, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose de maa wɔn no,

9ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu no, ne Medeba asaseta no nyinaa kɔsi Dibon,

10ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii hene Hesbon no nkuro no de kɔsi Amonfoɔ hyeɛ so,

11ne Gilead ne Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ asase ne Hermon bepɔ nyinaa ne Basan nyinaa de kɔsi Salka;

12Og a ɔdii hene wɔ Astarot ne Edrei ahennie a ɛwɔ Basan no nyinaa, (ɔno na ɔkaa abrane akɛseɛ no nkaeɛ no mu); na Mose kumm wɔn na ɔtuu wɔn,

13nanso Israelfoɔ antu Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ, na Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ no tenaa Israel mu de bɛsi nnɛ yi.

14 Yos 13.33 Lewi abusuakuo no nko na wamma wɔn agyapadeɛ bie. AWURADE Israel Nyankopɔn gya afɔdeɛ so adeɛ no, ɛno ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no.

Yordan apueeɛ fam asase yɛ mmusuakuo mmienu ne fa no dea

15 Num 32 Na Mose de maa Ruben mma abusuakuo no sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

16Na wɔn hyeɛ no firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu ne Medeba ho asaseta no nyinaa.

17Hesbon ne ne nkuro a ɛdeda asaseta soɔ no nyinaa. Dibon ne Bamot-baal ne Bet-baal-meon

18ne Yahas ne Kedemot ne Mefaat

19ne Kiriataim ne Sibma ne Seret-sahar, bonhwa no mu bepɔ so

20ne Bet-peor ne Pisga bepɔ ase ne Bet-yesimot,

21asaseta no nkuro no nyinaa; ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii hene Hesbon no ahennie nyinaa; ɔno na Mose kumm no ne Midian mmapɔmma, Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba, Sihon asafohene a wɔtenaa asase no soɔ no.

22Num 22.5; 31.8 Na Beor ba Bileam, nkɔmhyɛfoɔ no nso, Israelfoɔ de nkrantɛ kumm no fraa atɔfoɔ no mu.

23Na Ruben mma no hyeɛ ne Yordan ne ɛho hyeɛ. Yei ne Ruben mma no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, nkuro no ne ɛho nkuraa.

24Na Mose de maa Gad abusuakuo, Gadfoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

25Na wɔn hyeɛ ne Yaser ne Gilead nkuro no nyinaa, ne Amonfoɔ asase fa, de kɔsi Aroer a ɛda Raba anim no,

26na ɛfiri Hesbon de kɔsi Ramat-mispe ne Betonim, na ɛde firi Mahanaim de kɔsi Debir hyeɛ so;

27ne bonhwa no mu, Bet-haram ne Bet-nimra ne Sukot ne Safon a ɛyɛ Hesbon hene Sihon ahennie no nkaeɛ, Yordan ne ɛho hyeɛ, de kɔsi Kineret po no awieeɛ, Yordan agya apueeɛ.

28Yei ne Gadfoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, nkuro no ne ɛho nkuraa.

29Na Mose maa Manase abusuakuo fa no nso bi, na ɛyɛɛ Manase abusuakuo fa no deɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

30Ate 10.3-4 Na wɔn hyeɛ firi Mahanaim, Basan nyinaa, Basan hene Og ahennie nyinaa ne Yair nkuro a ɛwɔ Basan no nyinaa, nkuro aduosia;

31ne Gilead fa ne Astarot ne Edrei, Og ahennie nkuro a ɛwɔ Basan no. Wɔde maa Manase ba Makir mma, sɛ ɛnyɛ Makir mma fa dea, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

32Yei ne agyapadeɛ a Mose kyekyɛɛ wɔ Moab mpaperɛ soɔ, Yeriko, Yordan agya apueeɛ.

33Num 18.20-21 Na Lewi abusuakuo no deɛ, Mose amma wɔn agyapadeɛ biara: AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔno ne wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help