Mmebusɛm 20 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Potwaa ne sadweam

1 Mmb 23.29-35; 31.5 Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ, nsaden yɛ ntɔkwapɛni,

na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nnim nyansa.

2 Mmb 16.14; 19.12 Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobom,

deɛ ɔyi no abufuo no yɛ ne kra bɔne.

3Ɛyɛ ɔbarima animuonyam sɛ ɔtwe ne ho firi ɔham mu,

na agyimifoɔ deɛ, wɔpɛ ntɔkwa.

4 Mmb 6.6-8 Awɔ nti ɔkwadwofoɔ mfuntum,

twaberɛ mu ɔbɛhwehwɛ biribi, nanso ɔrennya hwee.

5 Mmb 18.4 Ɔbarima akoma mu agyinatuo te sɛ nsuo a emu dɔ,

nso deɛ ɔwɔ nhunumu bɛsa.

6Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeɛyɛ,

na ɔbarima nokwafoɔ deɛ, hwan na ɔbɛhu no?

7 Mmb 14.26; Dwom 112.2 Ɔteneneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu,

wɔbɛhyira ne mma wɔ n’akyi.

8 Dwom 101.3-8 Ɔhene a ɔte asennie adwa soɔ

de n’aniwa huhu bɔne nyinaa so.

9 Mmb 28.13; 30.12 Hwan na ɔbɛka sɛ: Mate no m’akoma mu,

me ho afi afiri me bɔne ho?

10 Mmb 20.23; 11.1 Abrammoɔ ahodoɔ, susukodoɔ ahodoɔ,

ne mmienu nyinaa yɛ AWURADE akyiwadeɛ.

11 Mmb 22.6 Abɔfra mpo, wɔde ne nneyɛɛ na ɛhu no,

sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yie na atene.

12Aso a ɛteɛ ne aniwa a ɛhunu,

AWURADE na ɔyɛɛ ne mmienu nyinaa.

13 Mmb 6.10 Mpɛ nna, na woanni hia;

bue w’ani, na aduane bɛmee wo.

14Ɛnyɛ, ɛnyɛ! Sɛ ɔdetɔfoɔ seɛ ne no,

na ɔdane ne ho kɔ a, na ɔrehoahoa ne ho.

15Sika wɔ hɔ, na nhwene pa pii wɔ hɔ,

na kasa a nimdeɛ wɔ mu no te sɛ adwinneɛ a ne boɔ yɛ den.

16 Mmb 6.1-5; 27.13 Deɛ ɔdi ɔhɔhoɔ agyinamu no, fa ne ntoma,

na deɛ ɔdi ɔnanani akagyinamu no, gye no awowa.

17 Mmb 9.17 Aduane a wɔnam nnaadaa so nya yɛ obi dɛ,

nanso akyire yi no, mmoseaa yɛ n’anomu ma.

18 Mmb 24.6 Wɔde agyinatuo na ɛma tirimbɔ gyina,

na fa atɛmpa kyekyere ɔsa.

19Deɛ ɔkyini di nsekuro no yi ahuntasɛm adi,

enti mfa wo ho mmɔ deɛ ɔtrɛ n’anomu.

20 Eks 21.17 Deɛ ɔdome n’agya ne ne na no,

ne kanea bɛdum esum kabii mu.

21Agyapadeɛ a wɔde ntɛmpɛ nya no mfitiaseɛ no,

akyire renwie nhyira.

22 Mmb 24.29; Rom 12.17-19 Nka sɛ: Mɛhyɛ bɔne ananmu.

Twɛn AWURADE, na ɔbɛboa wo.

23 Mmb 20.10 AWURADE akyiwadeɛ ne abrammoɔ ahodoɔ,

na nsisie nsania nso nyɛ.

24Onipa anammɔntutuo firi AWURADE,

na ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhunu n’akwan mu?

25Ɛyɛ fidie ma onipa sɛ ɔbɛpɛ ntɛm aka sɛ: Ɛyɛ ade kronkron,

na ɔbɛhyɛ bɔ ansa na wabisabisa mu.

26 Dwom 101.8 Ɔhene nyansafoɔ hu abɔnefoɔ so,

na ɔde teaseɛnam nan fa wɔn so.

27 1 Ko 2.11 AWURADE kanea ne onipa ahome,

ɛhwehwɛ yam mpia mu hwɛ.

28 Mmb 16.12 Adɔeɛ ne nokorɛ hwɛ ɔhene so,

na adɔeɛ so na n’adwa tim.

29 Mmb 16.31 Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden,

na nkɔkoraa ahoɔfɛ ne ɛdwono.

30Mmaa a ɛpira twi ɔbɔne ho,

na ɛhweɛ hyɛne yam mpia mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help