1 2 Be 8.14; 35.15 Apono ano ahwɛfoɔ no mu nkyekyɛmu nie: Korafoɔ no mu: Kore ba Meselemia, ɔfiri Asaf mma mu.
2Na Meselemia wɔ mma: Sakaria n’abakan, Yediael tɔ so mmienu, Sebadia tɔ so mmiɛnsa, Yatniel tɔ so nnan,
3Elam tɔ so nnum, Yohanan tɔ so nsia, Eliehoenai tɔ so nson.
4Na Obed-Edom wɔ mma: Semaia n’abakan, Yehosabad tɔ so mmienu, Yoah tɔ so mmiɛnsa, Sakar tɔ so nnan, Netanel tɔ so nnum,
5Amiel tɔ so nsia, Isakar tɔ so nson, Peuletai tɔ so nwɔtwe, na Onyankopɔn ahyira no.
6Na ne ba Semaia nso, wɔwoo mmammarima maa no, na wɔdii wɔn agya fie so, na wɔyɛ mmarima a wɔtumi wɔn ho.
7Semaia mma ne: Otni ne Refael ne Obed, Elsabad a ne nuanom Elihu ne Semakia yɛ nnipa a wɔtumi wɔn ho.
8Yeinom nyinaa firi Obed-Edom mma mu, wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom, mmarima a wɔtumi wɔn ho a wɔwɔ ɔsom mu ahoɔden, wɔyɛ aduosia mmienu a wɔyɛ Obed-Edom asefoɔ.
9Na Meselemia wɔ mma ne anuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho, dunwɔtwe.
10Na Hosa a ɔfiri Merari mma mu no wɔ mma: Simri ne panin, (ɔnyɛ abakan deɛ, nanso n’agya na ɔde no sii tire).
11Hilkia tɔ so mmienu, Tebalia tɔ so mmiɛnsa, Sakaria tɔ so nnan; Hosa mma ne ne nuanom nyinaa yɛ dummiɛnsa.
12Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no nkyekyɛmu, sɛdeɛ mmarima no atitire teɛ. Wɔwɔ ɔwɛn adwuma wɔn nuanom ntentensoɔ, sɛ wɔnsom AWURADE fie.
13 1 Be 25.8 Na wɔtwee ntonto, nkumaa ne akɛseɛ so, sɛ wɔn mpanimfie teɛ, de yiyii wɔn apono.
14Na apueeɛ ntonto no firi maa Selemia. Na ne ba Sakaria a ɔyɛ nimdeɛ mu fotufoɔ no nso, wɔtwee ntonto no, ɔnyaa atifi fam.
15Obed-Edom nyaa anafoɔ fam, na ne mma deɛ ne anoboa dan no.
16Supim ne Hosa deɛ wɔ atɔeɛ fam, Saleket pono ho, aforoeɛ tempɔn no so, ɔwɛn wɔ ɔwɛn ntentensoɔ.
17Lewifoɔ baasia wɔ apueeɛ, baanan wɔ atifi fam da biara, baanan wɔ anafoɔ fam da biara, na anoboa dan no ho deɛ, baanu baanu.
18Parbar a ɛwɔ atɔeɛ fam no, nnipa baanan wɔ ɔtempɔn no ano, na baanu wɔ Parbar ho.
19Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ nkyekyɛmu no, Korafoɔ mma ne Merari mma no mu.
Sannaafoɔ no20Na Ahia a ɔyɛ Lewifoɔ no mu bi di Nyankopɔn fie akoradeɛ ne akronkronneɛ akoradeɛ no so:
211 Be 23.8 Ladan mma, Gersonni no mma a wɔyɛ Ladan deɛ no, Gersonni Ladan agyanom atitire: Yehieli.
22Yehieli mma, Setam ne ne nua Yoel, hwɛɛ AWURADE fie akoradeɛ no so.
23Amramfoɔ, Yisharfoɔ, Hebronfoɔ, Usielfoɔ no mu
241 Be 23.16 na Mose ba Gersom ba Sebuel di akoradeɛ no so panin.
251 Be 23.17 Na ne nuanom yɛ Eliesa deɛ: Ne ba Rehabia, ne ba Yesaia, ne ba Yoram, ne ba Sikri, ne ba Selomot.
26Ɔno Selomot ne ne nuanom di akronkronneɛ a Dawid a ɔyɛ ɔhene no ne agyanom atitire, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne dɔm asafohene no yɛɛ no kronkron no akoradeɛ nyinaa so,
27akodie mu asadeɛ na wɔyii bi yɛɛ no kronkron sɛ wɔde asiesie AWURADE fie.
28Na nnoɔma nyinaa nso a ɔdehunufoɔ Samuel ne Kis ba Saulo ne Ner ba Abner ne Seruia ba Yoab yɛɛ no kronkron no, ɛhyɛ Selomot ne ne nuanom nsa.
Atemmufoɔ no29Yisharfoɔ mu na Kenania ne ne mma yɛ Israel so anihumafoɔ adwuma mu, wɔyɛ atwerɛfoɔ ne atemmufoɔ.
30Hebronfoɔ mu na Hasabia ne ne nuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho, apem ahanson, hwɛɛ Israel so, Yordan atɔeɛ fam, AWURADE adwuma ne ɔhene som nyinaa fam.
31Hebronfoɔ no mu na Yeria yɛ panin sɛdeɛ Hebronfoɔ no awoɔ ntoatoasoɔ ne agyanom teɛ. (Dawid ahennie afe a ɛtɔ so aduanan mu na wɔhwehwɛɛ wɔn mu, na wɔhunuu wɔn mu mmarima a wɔtumi wɔn ho wɔ Yaser-gilead.)
32Na ne nuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho yɛ mpennu ahanson, na Ɔhene Dawid de wɔn sisii Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no so, Nyankopɔn ne ɔhene nsɛm nyinaa fam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.