Gyenesis 30 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

1Na Rahel hunuu sɛ ɔnwo mma Yakob no, ɔtwee ne nuabaa no ho kora, na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me mma, na anyɛ saa a, mɛwu.

2

7Na Rahel abaawa Bilha nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob.

8Na Rahel kaa sɛ: Ako akɛseɛ na me ne me nuabaa adie, nso matumi no. Na ɔtoo no din Naftali.

9

12Na Lea abaawa Silpa woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob.

13Na Lea kaa sɛ: M’ahotɔ nie! Na mmaa bɛfrɛ me deɛ wɔahyira no. Na ɔtoo no din Aser.

14Na ayuo twaberɛ mu no, Ruben firii adi kɔhunuu dudaim wɔ wiram, na ɔde brɛɛ ne na Lea. Na Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: Ma me wo ba dudaim yi bi ɛ!

15Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɔɔso sɛ woafa me kunu? Na worebɛgye me ba dudaim nso anaa? Na Rahel se: Wo ba dudaim no nti ma ɔne wo nkɔda anadwo yi.

16Na anwummerɛ a Yakob firi wiram reba no, Lea firii adi kɔhyiaa no kaa sɛ: Bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ ampa ara mede me ba dudaim matɔ wo. Na ɔne no daa anadwo no.

17Na Onyankopɔn tiee Lea, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so nnum maa Yakob.

18Na Lea kaa sɛ: Onyankopɔn atua me ka, sɛ mede m’abaawa mama me kunu awareɛ. Na ɔtoo no din Isakar.

19Na Lea nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so nsia maa Yakob.

20Na Lea kaa sɛ: Onyankopɔn akyɛ me akyɛdeɛ pa, afei deɛ, me kunu ne me bɛtena yie, ɛfiri sɛ mawo mmammarima baasia mama no. Na ɔtoo no din Sebulon.

21Na ɛno akyiri no, ɔwoo ɔbabaa, na ɔtoo no din Dina.

22 sɛ: AWURADE mma me ɔba foforɔ nka ne ho.

Laban ne Yakob nnaadaa

25Na Rahel woo Yosef no, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Gya me kwan na menkɔ me kurom ne m’asase so.

26Gye 29.20, 30 Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mesomm woɔ no ma me. Wo ara wonim me som a masom woɔ.

27 Gye 39.5 Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ma mennya w’anim animuonyam, na mahunu sɛ wo nti AWURADE ahyira me.

28Kyerɛ me w’akatua a woregye me, na mɛma.

29Na Yakob see no sɛ: Wo ara wonim sɛdeɛ masom wo afa ne sɛdeɛ wo mmoakuo ayɛ wɔ m’aseɛ.

30Mebaa wo nkyɛn no, na deɛ wowɔ no sua, na afei aseɛ atrɛ ayɛ pii, na AWURADE ahyira wo baabiara a mefa. Na afei da bɛn na menhwɛ me fie nso?

31Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na memma woɔ? Na Yakob se: Mma me biribiara; sɛ wobɛyɛ saa adeɛ yi ama me deɛ a, mɛsane mabɛyɛne wo nnwan na mahwɛ wɔn.

32Ɛnnɛ mɛkɔ makɔfa wo nnwan nyinaa mu, na mayiyi emu nnwan a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworonnworan nyinaa ne nnwammire nyinaa wɔ nnwanten no mu ne mmirekyie no mu nworonnworan ne ntokontrama. Wɔn a wɔtete sɛɛ na ɛnyɛ m’akatua.

33Na daakye bi a wobɛka m’akatua ho asɛm no, me tenenee abua ama me wɔ w’anim. Mmirekyie no mu biara a ne ho nyɛ ntokontrama ne nworonnworan, ne nnwanten no mu deɛ ɔnyɛ odwammire no, ma wɔmmu no awifodeɛ wɔ me nsam.

34Na Laban se: Hwɛ, ma no nyɛ sɛdeɛ woaka yi ɛ!

35Na da no ara ɔyiyii mpapo a wɔn ho yɛ nsensannsensan ne nworonnworan, ne mmirekyibereɛ a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworonnworan nyinaa, obiara a fufuo wɔ ne ho, ne nnwanten no mu nnwammire nyinaa. Na ɔde wɔn hyɛɛ ne mmammarima nsa.

36Na ɔde nnansa kwan too ɔne Yakob ntam, na Yakob yɛnee Laban nnwan a ɛkaeɛ no.

37Na Yakob faa sɛsɛ dua, ɛdwono dua ne kyɛnkyɛn dua mman mono, na ɔyiyii ho nsema fitafitaa maa mmaa no ho fitaa no fifirii adi.

38Na ɔde mmaa a ɔyiyii ho no guu anomeeɛ adaaseɛ a nnwan no rebɛnom mu nsuo no mu wɔ nnwan no anim, na wɔba nsunom a, wɔanyenyem so.

39Na nnwan no nyenyem mmaa no so, na wɔwowoo nsensannsensan, ntokontrama ne nworonnworan.

40Na Yakob yiyii nnwammaa no, na ɔde nnwan no ani kyerɛɛ Laban nnwan no mu nsensannsensan ne nnwammire nyinaa. Na ɔyɛɛ ɔno ara nnwankuo nko wɔ fa baabi, na wamfa wɔn amfra Laban nnwan no mu.

41Na sɛ daa nnwan a wɔn ho yɛ den no nyenyem a, na Yakob de mmaa no akɔgu adaaseɛ no mu wɔ nnwan no anim, na wɔanyenyem mmaa no so.

42Na nnwan no yɛ nofonofo deɛ a, ɔmfa ngu mu. Na wɔn a wɔyɛ mmerɛ no yɛɛ Laban dea, na wɔn a wɔn ho yɛ den no yɛɛ Yakob dea.

43Gye 12.16 Na ɔbarima no yɛɛ kɛseɛ pa ara, na ɔnyaa nnwan pii ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfunumu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help